Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/04 kr. 4
  • “Montrɛw Mu”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Montrɛw Mu”
  • Yɛn Ahenni Som—2004
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Yɛbɛyɛ Ma Yɛne Yɛn Nnamfo Ntam Rentetew Wɔ Wiase A Ɔdɔ Nnim Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • So Wubetumi Atrɛw Wo Dɔ Mu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Wubetumi ne Afoforo Anya Adamfofa a Ɛtra Hɔ Kyɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Hwɛ W’ayɔnkofa Yiye
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2004
km 5/04 kr. 4

“Montrɛw Mu”

1. Asɛyɛde bɛn na yɛn mu biara wɔ?

1 Wɔ Kristofo anuanom mu no, ɛyɛ yɛn mu biara asɛyɛde sɛ yɛda ɔdɔ adi wɔ asafo no mu. (1 Pet. 1:22; 2:17) Ɔdɔ a ɛte saa no da adi bere a ‘yɛtrɛw mu,’ na yɛda ɔdɔ adi kyerɛ yɛn ho yɛn ho no. (2 Kor. 6:12, 13) Dɛn nti na ɛho hia sɛ yehu yɛn nuanom mmarima ne mmea yiye?

2. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛne yɛn mfɛfo gyidifo fa nnamfo?

2 Adamfofa Mu Tumi Yɛ Den: Bere a yehu yɛn mfɛfo agyidifo yiye no, ɛma yɛkyerɛ wɔn gyidi, wɔn boasetɔ ne su pa foforo a wɔwɔ no ho anisɔ kɛse. Yehu wɔn sintɔ ahorow no sɛ ade ketewaa bi, na adamfofa a ɛda yɛn ntam no mu tumi yɛ den. Sɛ yenim yɛn ho yiye a, ɛboa yɛn ma yɛhyɛ yɛn ho den na yɛkyekye yɛn ho yɛn ho werɛ. (1 Tes. 5:11) Yebetumi ‘akyekye’ yɛn ho yɛn ho werɛ na yɛako atia Satan wiase nkɛntɛnso bɔne no. (Kol. 4:11) Esiane nhyɛso a yehyia wɔ nna a edi akyiri yi mu nti, hwɛ ye a eye sɛ yɛwɔ nnamfo pa wɔ Yehowa nkurɔfo mu!—Mmeb. 18:24.

3. Yɛbɛyɛ dɛn atumi akyekye afoforo werɛ?

3 Bere a yehyia sɔhwɛ a emu yɛ den no, nnamfo a wɔbɛn yɛn no betumi ahyɛ yɛn den na wɔakyekye yɛn werɛ. (Mmeb. 17:17) Kristoni bi a na ɔte nka sɛ ɔnsɛ hwee no ka sɛ: “Na mewɔ nnamfo a wɔka me ho nsɛm a ɛhyɛ nkuran de boa me ma midi adwemmɔne a na manya no so.” Nnamfo a wɔte saa no yɛ akyɛde a Yehowa de ama yɛn.—Mmeb. 27:9.

4. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu afoforo a wɔwɔ asafo no mu yiye?

4 Kyerɛ Afoforo Ho Anigye: Yɛbɛyɛ dɛn atumi atrɛw ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn mfɛfo agyidifo no mu? Afoforo a yɛbɛkyea wɔn wɔ Kristofo nhyiam ase no da nkyɛn a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛne wɔn bedi nkɔmmɔ a ɛma denhyɛ. Bere a yɛmfeefee wɔn kokoam nsɛm mu no, ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ wɔn ho anigye. (Fil. 2:4; 1 Pet. 4:15) Ɔkwan foforo a yɛbɛfa so atrɛw mu ne sɛ yɛbɛto nsa afrɛ wɔn ma wɔne yɛn abedidi. (Luka 14:12-14) Anaa yebetumi ne wɔn ayɛ nhyehyɛe abom akɔ asɛnka. (Luka 10:1) Bere a yedi kan hu yɛn nuanom yiye no, yɛma biakoyɛ ba asafo no mu.—Kol. 3:14.

5. Ɔkwan biako bɛn na yebetumi afa atrɛw yɛn adamfofa mu?

5 So yɛn atipɛnfo anaa wɔn a wɔne yɛn adwene hyia no nkutoo na yɛhyɛ da paw wɔn nnamfo? Ɛnsɛ sɛ yɛma nneɛma bi a ɛte saa siw nnamfo a yɛbɛfa wɔ asafo no mu no kwan. Dawid ne Yonatan ne afei, Rut ne Naomi nyaa adamfofa a na emu yɛ den ɛmfa ho sɛ na ɛsono wɔn mfe a wɔadi ne abusua a wofi mu no. (Rut 4:15; 1 Sam. 18:1) So wubetumi atrɛw w’adamfofa mu? Saa a wobɛyɛ no bɛma woanya nhyira a wonhwɛ kwan.

6. Mfaso a yenya fi yɛn dɔ a yɛtrɛw mu ma yɛn nuanom no bi ne dɛn?

6 Sɛ yɛtrɛw yɛn dɔ mu ma ɛso afoforo so a, yɛhyɛ yɛn ho yɛn ho den na yɛma asomdwoe tra asafo no mu. Bio nso, Yehowa ankasa hyira yɛn wɔ ɔdɔ a yɛda no adi kyerɛ anuanom no ho. (Dw. 41:1, 2; Heb. 6:10) Dɛn nti na womfa nyɛ wo botae sɛ wo ne anuanom dodow no ara bɛbɔ?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena