Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma wɔ September: Is There a Creator Who Cares About You? Sɛ munni bi a, mubetumi de Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? nhoma no ama. October: Yɛde Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no bɛma. November: Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No. December: Yɛde Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn no bɛma.
◼ Yebesusuw No Blood—Medicine Meets the Challenge video no ho wɔ December Ɔsom Nhyiam ase. Video yi a seesei ɛwɔ Engiresi kasa mu no ka Transfusion Alternatives—Documentary Series no ho wɔ DVD so. Kakraa bi na ɛwɔ hɔ. Sɛ wuhia DVD ne video kasɛt no bi a, ɛsɛ sɛ wokra bi ntɛm ara denam asafo a wowom no so.
◼ Wɔbɛma 2005 Nkaedi bere mu ɔkasa titiriw no Kwasida, April 10. Yɛde ɔkasa no asɛmti no bɛma akyiri yi. Asafo horow a wɔn ɔmansin sohwɛfo bɛba abɛsra wɔn, anaasɛ wɔbɛyɛ ɔmansin nhyiam saa dapɛn no awiei no bɛma ɔkasa titiriw no dapɛn a edi hɔ no. Ɛnsɛ sɛ asafo biara ma ɔkasa titiriw no ansa na April 10, 2005 adu.
◼ Yɛde Kingdom Hall Maintenance Checklist (CN-14) no remena asafo ahorow nyinaa. Efi afe yi so no, ɛsɛ sɛ asafo a Ahenni Asa ho nkrataa hyɛ ne nsa no hyehyɛ kratasin yi September biara. Ɛsɛ sɛ wɔde kratasin no mena ansa na September 10, 2004 atwam. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ ntɛm de CN-14 kratasin a wɔahyehyɛ awie no bi ma asafo biara a wɔkɔ adesua wɔ asa no so no. Sɛ ebehia sɛ wosiesie nneɛma bi a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no di eyinom ho dwuma de bɔ asafo no yiyedi ho ban. Sɛ ɔmansin sohwɛfo bɛsra asafo no a, ɔbɛhwehwɛ asafo no asase ho nkrataa ne Kingdom Hall Maintenance Checklist (CN-14) no mu.
◼ Yɛrekae mpanyimfo sɛ wonni akwankyerɛ a wɔde ama wɔ April 15, 1991, Ɔwɛn-Aban kratafa 21-3 a ɛfa wɔn a wɔatu wɔn anaa wɔne asafo no mmɔ bio a ɛsɛ sɛ wɔkɔsra wɔn ho no so.
◼ Esiane sɛ adapɛn anum na ɛwɔ October mu nti, ɛyɛ bere pa a yebetumi ayɛ akwampaefo aboafo adwuma no bi.
◼ Wɔayɛ nsakrae wɔ amansin a wɔbɛkɔ 2004 Ga ɔmantam nhyiam no mu. Ɛno na edidi so yi:
Nov. 26-28, 2004 Accra “A” Ɔmansin 1ne 34
Jan. 7-9, 2005 Accra “B” Ɔmansin 25 ne 49
◼ Ɛsɛ sɛ awofo a wɔn mma asom yɛ den no yɛ nhyehyɛe pɔtee bi de boa wɔn. Ɛsɛ sɛ wɔtaa ne wɔn yɛ Bible adesua na wɔboa wɔn ma wonya asafo nhyiam, ɔmansin ne ɔmantam nhyiam so mfaso. Yɛrema moate sɛ wɔkyerɛ asafo nhyiam dwumadi no ase kɔ Mum Kasa mu wɔ asafo a edidi so yi mu: Beach Road (Nungua), Adabraka North, Buduburam, Efia Kuma, Techiman, Mampong Ashanti West ne Nkoranza. Wɔayɛ nhyehyɛe sɛ ɛrenkyɛ wɔde asafo no bi bɛka eyinom ho. Sɛ obi a n’asom yɛ den wɔ mo asafo no mu nanso ɔmmɛn asafo horow a yɛaka ho asɛm no mu biara a, yɛsrɛ sɛ momma baa dwumadibea no aso nte no ntɛm ara.