Yehia Wo Mmoa
1 “Yɛda mo ase wɔ nea moyɛ ma yɛn nyinaa ho. Mo adwuma no boa yɛn paa.” Saa asɛm a obi kae yi kyerɛ anisɔ a yɛwɔ ma yɛn asafo mu mpanyimfo ne asomfo no mu yiye. Onyankopɔn ahyehyɛde a emu retrɛw no ma ɛho hia bere nyinaa sɛ yenya mmarima a wɔn ho akokwaw ma wɔsom wɔ asafo horow bɛyɛ 100,000 a ɛwɔ wiase nyinaa no mu. Sɛ woyɛ onua barima a woabɔ asu a, yehia wo mmoa.
2 ‘Hwehwɛ’: Wobɛyɛ dɛn ahwehwɛ ɔsom hokwan pii yi? (1 Tim. 3:1) Ne tiaa mu ne sɛ w’abrabɔ mu nyinaa wobɛyɛ nhwɛso pa. (1 Tim. 4:12; Tito 2:6-8; 1 Pet. 5:3) Yɛ asɛnka adwuma no dennennen na boa afoforo ma wɔn nso wɔnyɛ saa ara. (2 Tim. 4:5) Ma wo nuanom agyidifo yiyedi ho nhia wo paa. (Rom. 12:13) Fa nsiyɛ sua Onyankopɔn Asɛm no na ma wo ‘nkyerɛkyerɛ’ ntu mpɔn. (Tito 1:9; 1 Tim. 4:13) Dwumadi biara a mpanyimfo de bɛhyɛ wo nsa no, yɛ no yiye. (1 Tim. 3:10) Sɛ woyɛ abusua ti a, ‘di w’ankasa wo fi so yiye.’—1 Tim. 3:4, 5, 12.
3 Egye adwumaden ansa na obi atumi asom sɛ ɔsomfo anaa ɔpanyin na ehia sɛ onya ahofama su nso. (1 Tim. 5:17) Enti fa w’ani si afoforo a wubefi ahobrɛase mu asom wɔn so bere a worebɔ mmɔden ahwehwɛ ɔsom hokwan no. (Mat. 20:25-28; Yoh. 13:3-5, 12-17) Susuw suban a na Timoteo wɔ no ho yiye na bɔ mmɔden suasua no. (Filip. 2:20-22) Ma wo suban pa nkamfo wo nkyerɛ, sɛnea Timoteo yɛe no. (Aso. 16:1, 2) Bere a worenya su pa a ɛbɛboa wo ma woatumi asɔ ɔsom mu hokwan foforo mu, na wutie afotu a ɛbɛma woatu mpɔn no, ‘wo nkɔso bɛda adi nnipa nyinaa anim.’—1 Tim. 4:15.
4 Awofo, Montete Mmofra ma Wɔmmoa: Mmofra tumi fi wɔn mmofraase pɛɛ sua sɛnea wɔboa afoforo. Montete wɔn ma wɔnyɛ dinn ntie asɛm wɔ nhyiam ase, wɔnka asɛmpa no bi, na wommu bra pa wɔ Ahenni Asa so ne sukuu mu. Monkyerɛkyerɛ wɔn ma wɔmfa anigye nsom afoforo, na wɔnyɛ nnwuma bi te sɛ Ahenni Asa so a wɔbɛboa ma wɔasiesie, wɔaboa wɔn a wɔn mfe akɔ anim, ne ade. Ma wonnya anigye a efi ɔma mu no. (Aso. 20:35) Ntetee a ɛte saa bɛboa wɔn ma daakye wɔabɛsom sɛ akwampaefo, asafo mu asomfo ne mpanyimfo.