Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/05 kr. 7
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—2005
Yɛn Ahenni Som—2005
km 1/05 kr. 7

Nkaebɔ Ahorow

◼ January: Yɛde nhoma biara a ekura nkratafa 192 a wotintimii wɔ krataa a sɛ ɛkyɛ a ɛdodow so anaa nea wontintimii ansa na afe 1990 reba a ebi wɔ hɔ bɛma. Asafo ahorow a wonni nhoma dedaw yi bi no betumi de Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ nhoma no ama. February: Yɛde Bɛn Yehowa na ɛbɛma.

◼ Efi March no, baguam kasa foforo a amansin so ahwɛfo bɛma ne “Yɛ Ade Nyansam Wɔ Wiase a Nyansa Nnim Mu.”

◼ Ɛsɛ sɛ asafo ahorow no yɛ nhyehyɛe a ɛfata a wɔde bɛyɛ afe yi Nkaedi no Yawda, March 24, bere a owia akɔtɔ. Ɛwom sɛ mubetumi afi ɔkasa no ase ntɛm de, nanso ɛnsɛ sɛ mode bobesa ne abodoo no fa nnipa no anim kosi sɛ owia bɛtɔ ansa. Baabi a asafo dodow bi hyiam wɔ Ahenni Asa biako so no, ebia asafo biako anaa nea ɛboro saa betumi akogye ɔdan foforo de adi afahyɛ no saa anwummere no. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, bere a asafo biako awie dwumadi no, momma bɛyɛ simma 40 ntwam ansa na asafo foforo afi ne de ase sɛnea ɛbɛyɛ a obiara benya afahyɛ no so mfaso kɛse. Ɛsɛ sɛ mususuw kar dodow a ɛbɛwɔ kwan so saa bere, baabi a mode kar besisi, baabi a kar begyina ma nkurɔfo asi anaa wɔaforo no nso ho. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo kuw no yɛ nhyehyɛe a ɛbɛyɛ papa ama mo asafo no.

◼ Monhwɛ sɛ mode afe asɛm no abɔ Ahenni Asa no so wɔ January 1 no ara mu. Ɛsɛ sɛ asafo ahorow nyinaa kyerɛw afe asɛm no sɛnea wɔada no adi wɔ Yɛn Ahenni Som mu no pɛpɛɛpɛ. Afe asɛm no ne ‘Me mmoa fi Yehowa.’—Dwom 121:2.

◼ Yɛrekae ahwɛfo guamtrafo sɛ wɔnyɛ nsakrae a ɛsɛ na ama wɔatumi asusuw “Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo” no ho. Wɔ ɔmansin nhyiam no akyi pɛɛ no, ɛsɛ sɛ mususuw “Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Mu Ntimu” no ho. Munni akwankyerɛ a ɛwɔ August 2004 Yɛn Ahenni Som, kratafa 4 no akyi.

◼ Ɔsom Nhyiam a yɛde besusuw David—He Trusted in God video ho no bɛba wɔ March Yɛn Ahenni Som no mu. Video yi wɔ DVD a wɔato din Noah Walked With God—David Trusted in God no nkutoo so. Wubetumi akra DVD yi bi aka asafo no nhoma a edi hɔ a wɔbɛkra no ho.

◼ Mprempren, wɔawie Betel ntrɛwmu adwuma no ara ne sa. Yehia anuanom mmarima ne mmea a wɔte Borɔfo na wotumi kyerɛw yɛn man yi mu kasa no atete wɔn ma wɔaboa Nsɛm Asekyerɛ Dwumadibea no denneennen. Yɛpɛ wɔn a wotumi kyerɛw Dangme, Ewe, Ga, Frafra, Nzema ne Twi. Wɔn a wɔfata na wɔn ani gye ho no betumi akyerɛw aba Betel.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena