Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma March 1-20: Ɔsatu titiriw a yɛde bɛkyekyɛ Monkɔ so Nwɛn! nhomawa no. Fa nna a etwa to wɔ ɔsram no mu no yɛ sankɔhwɛ. April ne May: Momfa Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no mma. Mommɔ mmɔden ne wɔn a wɔasua Nimdeɛ nhoma no ne Ahwehwɛde nhomawa no awie no mfi ofie Bible adesua ase wɔ Som Nyankopɔn nhoma no mu. June: Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No.
◼ Yɛbɛyɛ Nkaedi no Yawda, March 24, 2005. Sɛ moyɛ asafo nhyiam Yawda a, ɛsɛ sɛ mode hyɛ dapɛn no mu da foforo a mo Ahenni Asa no da hɔ kwa. Sɛ eyi ntumi nyɛ yiye na sɛ mo Ɔsom Nhyiam no bɛkam a, mubetumi de dwumadi no afã horow a ɛfa mo asafo no ho titiriw no aka Ɔsom Nhyiam foforo ho.
◼ Bere biara a woreyɛ nhyehyɛe atu kwan akɔ ɔman foforo so na wopɛ sɛ wuhu nna, mmere ne mmeae a wɔyɛ asafo nhyiam, ɔmansin anaa ɔmantam nhyiam horow no, ɛsɛ sɛ wokyerɛw Betel adwumayɛbea a ɛhwɛ saa ɔman no adwuma so no bisa ho asɛm. Wɔatintim Betel adwumayɛbea horow no address wɔ kratafa a etwa to wɔ Yearbook foforo no mu.
◼ Ɛsɛ sɛ asafo mu akyerɛwfo nya Application for Regular Pioneer Service (S-205) ne Application for Auxiliary Pioneer Service (S-205b) nkratasin a ɛdɔɔso sɛnea ɛsɛ bere nyinaa. Mubetumi de Literature Request Form (S-14) akra bi. Anyɛ yiye koraa no ɛsɛ sɛ wonya nea ɛbɛso wɔn afe biako gu hɔ.
◼ Yɛahu sɛ asafo horow bi afi ase de edin “Christian Congregation of Jehovah’s Witnesses,” a ɛhyɛ mmara ase a wɔakyerɛw agu kratasin a Betel de kyerɛw krataa so no ayɛ wɔn asafo no kratasin a wɔkyerɛw krataa wɔ so. Eyi mfata na etia mmara. Ɛsɛ sɛ asafo biara a ɛwɔ saa kratasin yi bi no sɛe ne nyinaa ntɛm ara. Ɛsɛ sɛ asafo biara yɛ ne kratasin a wɔkyerɛw krataa wɔ so, sɛ ebia, “Nungua Congregation of Jehovah’s Witnesses.”
◼ Wɔrekae ahwɛfo guamtrafo sɛ wɔnyɛ nsakrae a ehia na ama wɔatumi asusuw “Da Koro Nhyiam Titiriw” dwumadi no ho. Wɔ da koro nhyiam titiriw no akyi pɛɛ no, ɛsɛ sɛ mususuw “Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi mu Ntimu” no ho. Yɛsrɛ sɛ munni akwankyerɛ a wɔde mae wɔ August 2004 Yɛn Ahenni Som no kratafa 4 no so.
◼ Ɛsɛ sɛ mpanyimfo hwɛ hu sɛ wɔasiesie Ahenni Asa no so ama Nkaedi no sɛnea ɛfata nanso ɛmmoro so. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo san kenkan March 2004 Yɛn Ahenni Som no kratafa 3, nkyekyɛm 3-5 na wɔde emu nsɛm no di dwuma. Ɛsɛ sɛ ɔpanyin a wɔapaw no sɛ ɔmma Nkaedi ho ɔkasa no hwɛ sɛ wɔde akwankyerɛ a Yɛn Ahenni Som no de ama no adi dwuma.