Nkaebɔ Ahorow
◼ April ne May: Momfa Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no mma. Mommɔ mmɔden ne wɔn a wɔasua Nimdeɛ nhoma no ne Ahwehwɛde nhomawa no awie no mfi ofie Bible adesua ase wɔ Som Nyankopɔn nhoma no mu. June: Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No. Sɛ ebinom ka sɛ wonni mma a, fa Abusua mu Anigye anaa Nimdeɛ nhoma no ma wɔn. July ne August: Yɛde nhomawa a ekura nkratafa 32 a ɛfata bɛma.
◼ Ɛho hia sɛ Betel adwumayɛbea no nya ahwɛfo aguamtrafo ne akyerɛwfo nyinaa address ne telefon nɔma a wɔda so ara de di dwuma no. Bere biara a wɔbɛsakra no no, ɛsɛ sɛ Asafo Ɔsom Boayikuw no hyehyɛ “Presiding Overseer/Secretary Change of Address” (S-29) kratasin no bi, de wɔn nsa hyɛ ase, na wɔde mena Betel adwumayɛbea no ntɛm ara. Nɔma a edi telefon nɔma anim a wɔsakra no nso ka ho.
◼ Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa ba Baguam Nhyiam a yɛbɛyɛ no Kwasida, May 22, betie nkaebɔ titiriw a ɛfa nhyehyɛe a wɔayɛ ama adawurubɔfo nyinaa ho no bi.
◼ Nea ɛka nsakrae a ɛfa Nyan! tintim ho a yɛkaa ho asɛm wɔ March 2005 Yɛn Ahenni Som mu ho no, wɔatwe Nyan! a wotintim wɔ Twi kasa mu no asensɛn kakra. April-June 2005 de a ɛbɛba no ne nea etwa to wɔ Twi kasa mu kosi sɛ wɔbɛsan aka ho asɛm bio.