Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/05 kr. 7
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—2005
Yɛn Ahenni Som—2005
km 5/05 kr. 7

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bɛma May: Momfa Ɔwɛn-Aban ne Awake! nsɛmma nhoma no mma. Mommɔ mmɔden ne wɔn a wɔasua Nimdeɛ nhoma no ne Ahwehwɛde nhomawa no awie no mfi ofie Bible adesua ase wɔ Som Nyankopɔn nhoma no mu. June: Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No. Sɛ ebinom ka sɛ wonni mma a, fa Abusua mu Anigye anaa Nimdeɛ nhoma no ma wɔn. July ne August: Yɛde nhomawa a ekura nkratafa 32 a ɛfata bɛma.

◼ Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no anaa obi a wapaw no hwehwɛ asafo no sikasɛm mu June 1 anaa ɛno akyi bere tiaa bi. Sɛ mowɔ adansi ho foto anaa sika foforo bi a ɛwɔ boayikuw a wɔhwɛ dan so no hɔ a, ɛsɛ sɛ moyɛ nhyehyɛe ma wɔhwehwɛ ɛno nso mu. Sɛ wɔyɛ eyinom wie a, mommɔ asafo no amanneɛ bere a moakenkan mo sikasɛm ho amanneɛbɔ a edi hɔ awie no.

◼ Adawurubɔfo pii afrɛ Betel adwumayɛbea no abisa biribi a ɛfa Ahenni nnwom a wɔato no ɔkwan foforo so a mprempren Yehowa Adansefo de mema wɔn ho no ho asɛm. Wontumi nhu sɛ ebia ahyehyɛde no pene nnwom yi so anaa. Yɛate nnwom yi ho asɛm, na yɛpɛ sɛ yɛka kyerɛ mo sɛ yɛmpene so. Yɛsrɛ sɛ mommfa nnwom yi mommma mo ho, na saa ara nso na monntwe mfi Intanɛt so. Yɛwɔ ahotoso sɛ amanneɛbɔ yi bɛma nsɛm mu ada hɔ.

◼ Wɔrekae Ahenni Asa Sohwɛ Boayikuw sɛ wɔnhwɛ sɛ wɔayɛ nsiesie biara a ɛho hia wɔ Ahenni Asa no ho saa bere yi mu. Ɛsɛ sɛ wɔnsan susuw CN-14 a ɛwɔ wɔn nkrataa mu no ho de hu nneɛma a aka a ɛsɛ sɛ wɔyɛ de siesie Ahenni Asa no yiye. Ɛsɛ sɛ ahwɛfo aguamtrafo hwɛ sɛ wɔadi eyi ho dwuma ntɛm ara.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena