Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/05 kr. 7
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—2005
Yɛn Ahenni Som—2005
km 12/05 kr. 7

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bɛma December: Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn. Mubetumi de Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm nso ama. January: Mubetumi de nhoma biara a ekura nkratafa 192 a wotintimii wɔ krataa a ne kɔla tumi sesa anaa ɛdodow so a wotintimii ansa na afe 1991 reba a mo asafo no wɔ bi ama. Sɛ ebi nni hɔ a, mubetumi de Monkɔ so Nwɛn! nhomawa no ama. February: Yɛde Bɛn Yehowa nhoma no na ɛbɛma.

◼ Wɔremmue Betel adwumayɛbea no wɔ nna a edidi so yi mu: March 6, 2006, ne July 1, 2006. Wɔrenyɛ nhyehyɛe biara mma nkurɔfo mmɛhwɛ hɔ wɔ saa nna no mu.

◼ Ɛsɛ sɛ wode nsɛm a ɛwɔ kratafa 3 ne 4 wɔ Yɛn Ahenni Som yi mu no to yiye na wode adi dwuma wɔ ɔmansin nhyiam ne da koro nhyiam titiriw dwumadi a yɛbɛyɛ no 2006 ɔsom afe mu no.

◼ Monhwɛ sɛ mode afe asɛm foforo no bɛbɔ Ahenni Asa no so wɔ January 1. Ɛsɛ sɛ asafo ahorow nyinaa kyerɛw afe asɛm no sɛnea wɔada no adi wɔ Yɛn Ahenni Som mu no pɛpɛɛpɛ. Afe asɛm no ne “Ɛsɛ sɛ yetie Nyankopɔn mmom sen nnipa.”—Aso. 5:29.

◼ Ɛrenkyɛ yɛde 2006 Nkaedi nkratasin a wɔde to nsa frɛ afoforo a ɛwɔ kasa titiriw a moka mu bɛbrɛ mo. Sɛ wɔka kasa foforo wɔ mo asasesin no mu na mopɛ sɛ yɛbrɛ mo nkratasin no bi wɔ saa kasa no mu a, ɛsɛ sɛ mode Literature Request Form (S-14) no kra bi ntɛm ara.

◼ Yɛde Congregation Meeting Information (S-5) kratasin no remena asafo biara. Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no hyehyɛ. Ehia sɛ moma Betel adwumayɛbea no nsa ka telefon nɔma (ne wɔn a telefon no yɛ wɔn de no din) a yebetumi afrɛ bere biara ne asafo no adi nkitaho. Sɛ́ mobɛsakra bere a mode yɛ asafo nhyiam no anaa ɛnte saa no, yɛsrɛ sɛ hyehyɛ kratasin no na fa mena ntɛm ara.

◼ Yɛsrɛ sɛ monhyɛ no nsow sɛ yɛbɛyɛ afe 2007 Nkaedi no Dwoda, April 2, bere a owia akɔtɔ. Yɛredi kan de amanneɛbɔ yi ama sɛnea ɛbɛyɛ a anuanom betumi ahwehwɛ asa ahorow ato hɔ bere a asafo pii na wohyiam wɔ Ahenni Asa no so na ebehia sɛ wɔhwehwɛ adan foforo no. Wɔ tebea a ɛte saa mu no, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no ne asa a wɔrekogye no so ahwɛfo yɛ nhyehyɛe na amma wɔanyɛ nneɛma foforo wɔ ɔdan no mu amfa anhaw wɔn adwene sɛnea ɛbɛyɛ a Nkaedi no bɛkɔ so asomdwoe mu.

◼ Esiane sɛ Nkaedi no yɛ bere titiriw nti, ɛsɛ sɛ mpanyimfo kuw no paw mpanyimfo a wɔfata paa no mu biako ma ɔma Nkaedi kasa no sen sɛ wɔbɛma obiara ama bi anaasɛ wɔbɛma ɔpanyin baako no ara ama afe biara. Sɛ ɔpanyin bi a ɔka nkaefo no ho wɔ hɔ na sɛ obetumi ama ɔkasa no a, ɛsɛ sɛ wɔpaw no.

◼ Sɛ ɔsram biara wɔrekenkan sikasɛm ho amanneɛbɔ a, yɛsrɛ sɛ momma asafo no nhu sika pɔtee a woyi de boaa wiase nyinaa adwuma, Ahenni Asa foto, ne nea ɛkeka ho. Afei monkamfo anuanom sɛ wofi wɔn yam yi ntoboa de boa Ahenni adwuma no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena