Asɛmmisa Afã
◼ So ɛsɛ sɛ wo ne obi a ɛsono ne bɔbeasu yɛ Bible adesua?
Yɛte wiase bi a aporɔw na wɔma biribiara ho kwan a wɔnka abrabɔ pa ho nsɛm pii mu. Ɛsɛ sɛ nokware Kristofo ma wɔn ani da hɔ bere nyinaa na wɔamfa wɔn ho anhyɛ nneyɛe fĩ a ebetumi de ahohorabɔ aba Yehowa ne n’ahyehyɛde no so mu. Yɛbɛyɛ dɛn atumi de eyi adi dwuma wɔ yɛn asɛnka adwuma mu?
Wɔ asɛnka mu no, yehyia nnipa a ɛsono wɔn bɔbeasu a wɔkyerɛ nokware no ho anigye. Sɛ yɛn nkutoo na yɛnam asɛnka mu na sɛ yɛto onipa biako wɔ fie a, ɛbɛyɛ papa sɛ yegyina ofie no pon ano di onii no adanse mmom sen sɛ yɛbɛkɔ mu. Sɛ ɔkyerɛ ho anigye a, yɛ nhyehyɛe ne ɔdawurubɔfo foforo nsan nkɔ hɔ. Sɛ eyi ntumi nyɛ yiye a, ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ wobɛma ɔdawurubɔfo a ɔne ofiewura no wɔ bɔbeasu koro akɔ hɔ.—Hwɛ Ɔwɛn-Aban, July 1, 1992, kratafa 31.
Saa ara nso na sɛ yɛreyɛ ofie Bible adesua a, ɛnsɛ sɛ mmea ne mmarima sua ade, na mmarima nso ne mmea nnsua ade. Mpɛn pii no, yebetumi anya obi a ɔne onigyeni no wɔ bɔbeasu koro na ɔne no asua ade. (Mat. 10:16) Sɛ ɔdawurubɔfo bi te nka sɛ ɔrennya obi a ɔne onigyeni no wɔ bɔbeasu koro ma ɔne no nsua ade a, ɛsɛ sɛ ɔhwehwɛ mmoa fi asɛnka sohwɛfo anaa nhoma adesua sohwɛfo no hɔ.
Ɛsɛ sɛ ɔsom adwuma sohwɛfo ne Asafo Nhoma Adesua so ahwɛfo siesie wɔn ho de mmoa ma ɔdawurubɔfo biara a ɔwɔ asafo no mu a ɔne obi a ɛsono ne bɔbeasu sua ade no. Wɔn na ɛfata sɛ wɔyɛ nhyehyɛe ma onua ne ɔbarima onigyeni sua ade na onuawa nso ne ɔbea a ɔkyerɛ anigye sua ade. Ahwɛfo yi a yɛne wɔn bɛyɛ biako no bɛma yɛanya Yehowa nhyira.—Heb. 13:17.
Ɛnde, kwati a yɛbɛkwati tebea a ɛsɔ gyidi hwɛ wɔ yɛn asɛnka mu no de ayeyi ne anuonyam bɛbrɛ Yehowa. Sɛ yɛde Bible nnyinasosɛm yi di dwuma wɔ yɛn asɛnka mu a, ɛbɛbɔ yɛn ho ban na yɛanto “hintidua biara biribiara mu.”—2 Kor. 6:3.