Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma July ne August: Nhomawa biara a ekura nkratafa 32 a ebi wɔ hɔ. September: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? October: Momfa Ɔwɛn-Aban ne Awake! nsɛmma nhoma no mma. Baabi a wɔbɛkyerɛ ho anigye no, momfa Monkɔ so Nwɛn! nhomawa no mma wɔn.
◼ Efi September no, amansin so ahwɛfo bɛma baguam ɔkasa a n’asɛmti ne “Gyinabea Bɛn Na Wowɔ Wɔ Onyankopɔn Anim?”
◼ Yɛhyɛ nyansa sɛ, anyɛ yiye koraa no momma Betel adwumayɛbea nsa nka daa akwampaefo akwammisa nkrataa no nnafua 30 ansa na bere a wɔpɛ sɛ wofi ase no adu. Ɛsɛ sɛ asafo mu ɔkyerɛwfo no hwehwɛ ne nyinaa mu hwɛ sɛ wɔahyehyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ. Sɛ wɔn a wɔrebisa hokwan no ntumi nkae da pɔtee a wɔbɔɔ asu a, ɛsɛ sɛ wɔde wɔn adwene bu da bi na wɔkyerɛw hyɛ krataa no so. Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no hyɛ saa da yi nsow na ɔkyerɛw gu Congregation’s Publisher Record (S-21) kratasin no so.
◼ Ɛsɛ sɛ asafo mu akyerɛwfo hwɛ hu sɛ wɔwɔ daa ɔkwampaefo biara a ɔwɔ asafo no mu no Pioneer Appointment Letter (S-202). Sɛ wonni bi a, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw Betel adwumayɛbea.
◼ Ɛsɛ sɛ mokan nhoma ne nsɛmma nhoma a mowɔ nyinaa dodow wɔ August 31, 2006, anaa bere a aka kakraa bi na saa da no adu no. Nhomakan yi te sɛ nea nhoma sohwɛfo no yɛ ɔsram biara no, na ɛsɛ sɛ ɔkyerɛw dodow a aka nyinaa hyɛ “Literature Inventory” (S-18) kratasin no so. Mubetumi ahu nsɛmma nhoma dodow a mowɔ no afi asafo biara nsɛmma nhoma sohwɛfo hɔ. Ɛsɛ sɛ asafo a ɛhwɛ nhomakra so no kyerɛwfo hwɛ nhomakan yi so. Ɔkyerɛwfo no ne asafo a ɛhwɛ nhomakra so ɔhwɛfo guamtrani no de wɔn nsa bɛhyɛ kratasin no ase. Asafo biara a ɛhwɛ nhomakra so no nsa bɛka “Literature Inventory” kratasin no abiɛsa. Yɛsrɛ sɛ momfa biako mmena Betel adwumayɛbea no ansa na September 6 atwam. Momfa biako nto mo nneɛma mu. Mubetumi de nea ɛto so abiɛsa no adi dwuma bere a morekan no.
◼ Ɛsɛ sɛ asafo mu akyerɛwfo hyehyɛ Congregation Analysis Report (S-10) no yiye na wɔde mena Betel adwumayɛbea no ansa na September 10, 2006 atwam. Ɛsɛ sɛ ɔsom boayikuw no hwɛ sɛ wɔahyehyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ.
◼ Yɛrekae adawurubɔfo a wɔabɔ asu nyinaa sɛ wɔmfa wɔn DPA a wɔahyehyɛ awie no nhyɛ wɔn ho bere nyinaa. Ɛsɛ sɛ awofo hwɛ ma wɔn mma nkumaa no de “Identity Card” a wɔahyehyɛ awie no hyɛ wɔn ho bere nyinaa. Sɛ worekɔ ayaresabea a, kae sɛ wode DPA kratasin no bɛhyɛ wo ho, na ma oduruyɛfo no nhu wo gyinabea wɔ mogya ho ntɛm. Eyi bɛboa ma oduruyɛfo no ate wo tebea no ase yiye. Ɛsɛ sɛ nhoma adesua so ahwɛfo hwɛ sɛ adawurubɔfo a wɔwɔ wɔn kuw mu nyinaa ahyehyɛ DPA kratasin no de wɔn nsa ahyɛ ase.