Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/06 kr. 2-3
  • Asɛnka Akontaabu A Ɛka Akyi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛnka Akontaabu A Ɛka Akyi
  • Yɛn Ahenni Som—2006
Yɛn Ahenni Som—2006
km 11/06 kr. 2-3

Asɛnka Akontaabu A Ɛka Akyi

Adawurubɔfo dodow no ara bɔ mmɔden de wɔn akontaabu ba ntɛm bosome biara. Saafo yi fata nkamfo. Nanso yɛahyɛ no nsow sɛ, adawurubɔfo bɛyɛ 3,000 ntaa mfa wɔn akontaabu mma ntɛm mma yɛmfa nka bosome biara de no ho. So wobɔ mmɔden sɛ wode w’asɛnka akontaabu bɛma ntɛm bosome biara?

Yɛrekae Asafo Nhoma Adesua so ahwɛfo sɛ wɔnhwɛ sɛ wɔn nsa bɛka wɔn kuw mufo nyinaa asɛnka akontaabu na wɔde ama ɔkyerɛwfo no ntɛm.

Ɛsɛ sɛ wogyigye asɛnka akontaabu a aka akyi no na wɔde ka bosome a edi hɔ no akontaabu no ho na wɔkan ɔdawurubɔfo no mprenu. Ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo no hu adawurubɔfo a wohia mmoa no na wɔboa wɔn ma wɔde wɔn akontaabu ba ntɛm. Bio nso, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔretu kwan no kyerɛ mpanyimfo no ɔkwan a wɔbɛfa so de wɔn akontaabu aba ntɛm.

Ɛsɛ sɛ nhoma adesua so ahwɛfo no ne akyerɛwfo no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛkan asɛnka akontaabu a ɛkaa akyi wɔ bosome a etwaam no mu na wɔde ka bosome a wɔrebu ho akontaa de no ho. Eyi ho hia na ama akontaabu no ayɛ pɛpɛɛpɛ. Ɛsɛ sɛ wɔde akontaabu no mena ansa na bosome no da a ɛto so 6 atwam. Sɛ ɛkɔba sɛ asɛnka akontaabu no ka akyi dodo a, ɔkyerɛwfo no betumi ayɛ fax anaa wafrɛ “Report Desk” a ɛwɔ Betel no wɔ telefon so. Yɛhyɛ mo nyinaa nkuran sɛ momfa mo akontaabu mma ntɛm bosome biara.—Luka 9:10a.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena