Nnyaw Ɔdɔ a na Wowɔ Kan No
1 Yesu a wɔahyɛ no anuonyam no tuu Efesofo asafo a na ɛwɔ afeha a edi kan no mu no fo sɛ: “Nea mewɔ tia wo ne sɛ woagyaw ɔdɔ a na wowɔ kan no.” (Adi. 2:4) Ɛda adi sɛ na wɔn mu pii agyaw ɔdɔ a na kan wɔwɔ ma Yehowa no. Bere a yehuu nokware no foforo no, yenyaa ɔdɔ a emu yɛ den maa Onyankopɔn ne yɛn yɔnko, na eyi kaa yɛn ma yɛde nsi kaa anidaso foforo a yɛanya no ho asɛm. Dɛn na ɛbɛma yɛakɔ so akura ɔdɔ a na yɛwɔ kan no ne nsi a yɛde yɛ asɛnka adwuma no mu?
2 Ade a Yɛn Ankasa Besua ne Asafo Nhyiamkɔ: Bere a yehuu nokware no foforo no, dɛn na ɛma yenyaa Onyankopɔn ne yɛn yɔnko ho dɔ? Ɛnyɛ nneɛma a yesua faa Yehowa ho wɔ Kyerɛwnsɛm no mu no? (1 Yoh. 4:16, 19) Enti sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn ‘dɔ bɛkɔ so aboro so’ no, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so nya nokware nimdeɛ, na yɛhwehwɛ “Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ no” mu.—Filip. 1:9-11; 1 Kor. 2:10.
3 Ebetumi ayɛ den paa sɛ yɛbɛyɛ nhyehyɛe pa de asua ade wɔ nna a edi akyiri a dadwen ne nneɛma a ɛtwetwe adwene ahyɛ mu ma yi mu. (2 Tim. 3:1) Ɛsɛ sɛ yegye bere de sua Onyankopɔn asɛm. Asafo nhyiam a yɛbɛkɔ daa nso ho hia, titiriw bere a ‘yehu sɛ ɛda no rebɛn no.’—Heb. 10:24, 25.
4 Asɛnka Adwuma No: Nsi a yɛde yɛ asɛnka adwuma no boa yɛn ma yekura Onyankopɔn ho dɔ a na yɛwɔ kan no mu. Bere a yɛreka asɛmpa no, ɛma yɛkae Yehowa bɔhyɛ ahorow a ɔdɔ wom no, na eyi boa yɛn ma anidaso ne ɔdɔ a yɛwɔ no mu kɔ so yɛ den. Bible mu nokware a yɛkyerɛkyerɛ no hwehwɛ sɛ yɛyɛ nhwehwɛmu te ase yiye. Eyi a yɛyɛ no hyɛ yɛn gyidi den.—1 Tim. 4:15, 16.
5 Yehowa fata ade nyinaa, a yɛn dɔ nso ka ho. (Adi. 4:11) Mma wo dɔ no nsa. Fa Bible adesua a w’ankasa wobɛyɛ, asafo nhyiam a wobɛkɔ daa, ne nsi a wode bɛka asɛm a ɛda wo koma so akyerɛ afoforo no so kɔ so ma ɔdɔ a na wowɔ kan no mu nyɛ den.—Rom. 10:10.