Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/07 kr. 7
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—2007
Yɛn Ahenni Som—2007
km 1/07 kr. 7

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bɛma January: Mubetumi de nhoma biara a ekura nkratafa 192 a wotintimii wɔ krataa a etumi dodow so anaa wotintimii ansa na afe 1991 reba a mo asafo no wɔ bi ama. February: Momfa Bɛn Yehowa nhoma no mma. March: Momfa Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma no mma na mommɔ mmɔden sɛ mubefi Bible adesua ase. April ne May: Momfa Ɔwɛn-Aban ne Awake! mma.

◼ Efi March 4 no, baguam ɔkasa foforo a ɔmansin so ahwɛfo bɛma ne “Onyankopɔn Wiase Foforo—Henanom na Wɔbɛfata sɛ Wɔkɔ Mu?”

◼ Yebesusuw Young People Ask—What Will I Do With My Life? video no ho wɔ Ɔsom Nhyiam ase wɔ April mu. Sɛ muhia bi a, ɛsɛ sɛ mofa mo asafo no so kra bi ntɛm ara.

◼ Ɛrenkyɛ yɛde 2007 Nkaedi nkratasin a wɔde to nsa frɛ afoforo bɛmena asafo ahorow nyinaa.

◼ Ɛsɛ sɛ asafo ahorow no yɛ nhyehyɛe a ɛfata a wɔde bɛyɛ afe yi Nkaedi no Dwoda, April 2, bere a owia akɔtɔ. Ɛwom sɛ mubetumi afi ɔkasa no ase ntɛm de, nanso ɛnsɛ sɛ mode bobesa ne abodoo no fa nnipa no anim kosi sɛ owia bɛtɔ ansa. Ɛsɛ sɛ asafo biara bɔ mmɔden sɛ wɔn ankasa bɛyɛ wɔn Nkaedi. Nanso ɛnyɛ bere nyinaa na wobetumi ayɛ no saa. Baabi a asafo dodow bi hyiam wɔ Ahenni Asa biako so no, ebia asafo biako anaa abien betumi akogye ɔdan foforo de adi afahyɛ no saa anwummere no. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, bere a asafo biako awie dwumadi no, momma bɛyɛ simma 40 ntwam ansa na asafo foforo afi ne de ase sɛnea ɛbɛyɛ a obiara betumi ne afoforo anya fekubɔ wɔ Nkaedi no akyi. Ɛsɛ sɛ mususuw kar dodow a ɛbɛwɔ kwan so, baabi a mode kar besisi, baabi a kar begyina ma nkurɔfo asi anaa wɔaforo nso ho. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo kuw no yɛ nhyehyɛe a ɛbɛyɛ papa ama mo asafo no.

◼ Esiane sɛ Nkaedi no yɛ bere titiriw nti, ɛsɛ sɛ mpanyimfo kuw no paw mpanyimfo a wɔfata paa no mu biako ma ɔma Nkaedi kasa no sen sɛ wɔbɛma obiara ama bi anaasɛ wɔbɛma ɔpanyin baako no ara ama afe biara. Nanso sɛ ɔpanyin bi a ɔka nkaefo no ho wɔ hɔ na sɛ obetumi ama ɔkasa no a, ɛsɛ sɛ wɔpaw no.

◼ Yɛsrɛ sɛ monhyɛ no nsow sɛ yɛbɛyɛ afe 2008 Nkaedi no Memeneda, March 22, bere a owia akɔtɔ. Yɛredi kan de amanneɛbɔ yi ama sɛnea ɛbɛyɛ a anuanom a wɔwɔ baabi a asafo pii hyiam wɔ Ahenni Asa biako so a ebehia sɛ wɔhwehwɛ adan foforo no betumi ahwehwɛ asa ahorow ato hɔ.

◼ Ɛsɛ sɛ asafo mu akyerɛwfo hwɛ hu sɛ wɔwɔ wɔn asafo no mu ɔkwampaefo biara pioneer appointment letter (S-202). Sɛ ɛnte saa a, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw Betel adwumayɛbea no de bɔ wɔn amanneɛ.

◼ Monhwɛ sɛ mode afe asɛm foforo no bɛbɔ mo Ahenni Asa so ntɛm ara wɔ January 1. Ɛsɛ sɛ afe asɛm a asafo biara bɛkyerɛw no ne nea ɛwɔ Yɛn Ahenni Som mu no hyia. Afe asɛm no ne ‘Yehowa da kɛse no abɛn.’—Sef. 1:14.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena