Ɔmantam Nhyiam Nkaebɔ
◼ Dwumadi Mmere: Nnansa no nyinaa wobefi dwumadi no ase anɔpa 9:20. Sɛ wofi ase sɛ wɔrebɔ Ahenni dwom no a, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa pɛ baabi tra na ama wɔafi nhyiam no ase ɔkwan a ɛfata so. Fida ne Memeneda yɛbɛpɔn dwumadi no anwummere 5:05, na Kwasida nso yɛapɔn anwummere 4:10.
◼ Baabi a Wɔde Kar Besisi: Sɛ obi nyare anaa tebea a egye ntɛmpɛ nsɔree a, ɛyɛ papa bere nyinaa sɛ yɛbɛtra baabi a yebetumi atie dwumadi no sen sɛ yɛbɛtra kar mu a ɛrenyɛ den sɛ nneɛma bɛtwetwe yɛn adwene anaa yɛbɛda. Atiefo no mu a yɛbɛtra na yɛatie ɔkasa ahorow no a biribiara ntwetwe yɛn adwene no yɛ ɔkwan a yebetumi afa so akyerɛ anisɔ ama honhom fam nsiesie pa a Yehowa ayɛ ama yɛn no.
◼ Akongua a Wɔpɛ To Hɔ Ma Obi: Wɔn a wo ne wɔn faa kar biako anaa wo ne wɔn te fie no nkutoo na wubetumi agyaw kwan ato hɔ ama wɔn.
◼ Awia Aduan: Yɛsrɛ sɛ fa aduan a wubedi no awia ne nsu a wobɛnom bra sen sɛ edu awia ahomegye bere no a wubefi nhyiam no ase akɔtɔ aduan. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, fa aduan gu ade ketewa a wubetumi de ahyɛ akongua ase mu bra. Wɔmma kwan sɛ obi de ade kɛse a wɔde nnipa pii aduan gu mu, ade a etumi bɔ a wɔde nneɛma gu mu, ne mmosa biara bɛba baabi a yɛreyɛ nhyiam no.
◼ Nhoma Horow a Wobeyi no Adi: Onyankopɔn Asɛm tu yɛn fo sɛ ‘yɛnyɛ biribiara ɔdɔ mu.’ (1 Kor. 16:14) Sɛ woyi nhoma bi adi wɔ nhyiam no ase a, ɔdɔ ne afoforo ho a yebesusuw no remma yentu mmirika mpiapia afoforo sɛnea ɛbɛyɛ a yebedi kan wɔ santen mu akogye nhoma no bi. Sɛ yɛntoo dwom a etwa to no mmɔɔ mpae nwiei a, ɛnsɛ sɛ obiara sɔre fi n’akongua so kɔto santen. Sɛ wɔbɔ mpae a yɛde pɔn nhyiam no wie a, ɛsɛ sɛ obiara tɔ ne bo ase nantew kɔ beae a wogye nhoma no. Abotare a ɛte saa a yɛbɛda no adi no kyerɛ sɛ yɛn ho akokwaw sɛ Kristofo, na ɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn ho yɛn ho no da adi.—Yoh. 13:35.
◼ Ntoboa: Ɔmantam nhyiam ho ka dɔɔso paa. Yebetumi akyerɛ ho anisɔ denam yɛn pɛ mu a yebefi ayi ntoboa de aboa wiase nyinaa adwuma no wɔ Ahenni Asa so anaa wɔ nhyiam no ase so. Kyɛk a wɔde yi sika biara a wɔde beyi ntoboa wɔ nhyiam no ase no, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw so sɛ wontua mma “Watch Tower Convention.”
◼ Akwanhyia ne Tebea a Egye Ntɛmpɛ: Sɛ yare bi a emu yɛ den kyere obi wɔ nhyiambea hɔ a, yɛsrɛ wo, frɛ obi a ogye ahɔho a ɔbɛn wo, na ɔno nso bɛfrɛ Adugyebea Adwumayɛbea no ntɛm ara sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wɔboa ayarefo no bi bɛba abɛhwɛ tebea no de ho mmoa ama.
◼ Dwumadi a Wɔkyere Gu Kasɛt Anaa Video So: Ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔkyere dwumadi gu kasɛt anaa video so no yɛ saa wɔ ɔkwan a ɛbɛhaw afoforo a wɔwɔ nhyiam no ase no adwene, na ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka anyinam ahoɔden ne akasam nhama no nso.
◼ Ahotew: Ɛyɛ obiara a ɔwɔ nhyiam no ase asɛde sɛ osiesie baabi a ɔte bere a wadidi awie no. Esiane sɛ wɔde nneɛma a wɔde nwura gu mu besisi nhyiam biara ase nti, hwɛ sɛ wode nkrataa, aduan, rɔba a wɔde kyekyere nsu, ne nneɛma a ɛtete saa begu mu. Saa a yɛbɛyɛ no bɛkyerɛ sɛ yɛyɛ nnipa a yɛn ho tew.
◼ Nnuhuam: Ɛsɛ sɛ yesusuw afoforo ho na yɛamfa nnuhuam a ano yɛ den a ebetumi ahaw wɔn a wɔwɔ nyarewa bi no ansiesie yɛn ho.—1 Kor. 10:24.
◼ Mfonini a Wotwa: Sɛ wutwa mfonini a, ɛnsɛ sɛ wode mfoninitwa afiri a ɛpa gya di dwuma bere a nhyiam no rekɔ so no. Esiane sɛ yɛmpɛ sɛ yedi gua biara wɔ baabi a yehyiam som Onyankopɔn no nti, yɛrentwitwa mfonini nnye ho sika. Saa ara nso na yɛremfrɛ wɔn a wotwa mfonini gye ho sika no mma wommetwa anuanom mfonini wɔ nhyiam no ase mfa mpɛ sika.—w84-E 7/1 kr. 25; afei hwɛ Nhyehyɛe nhoma no kratafa 142, nkyekyɛm 3.
◼ Mmusua a Wɔbɛbom Atra Faako: Ɛsɛ sɛ awofo ne wɔn mma tra faako bere a dwumadi no rekɔ so no sen sɛ wɔbɛma wɔn mma nkumaa ne wɔn a wonnya nnii mfe aduonu no ne mmabun afoforo bɛbom atra baabi. Sɛ awofo ne wɔn mma bom tra a, wobetumi ahyɛ wɔn nkuran ma wɔayɛ kyerɛwtohɔ bere a nhyiam no rekɔ so no.
◼ Follow-Up Nkratasin: Ɛsɛ sɛ yɛhyehyɛ Please Follow Up (S-43) kratasin no ma wɔn a yedi wɔn adanse bɔnnɔ so a wɔkyerɛ asɛm no ho anigye bere a yɛreyɛ nhyiam no. Mo nsa betumi aka kratasin no bi wɔ “Book Room.” Wubetumi de kratasin a woahyehyɛ awie no ama “Book Room” Adwumayɛbea no anaa wubetumi de ama w’asafo mu kyerɛwfo no ma wadi ho dwuma.—Hwɛ March 2005 Yɛn Ahenni Som, kr. 4.
◼ Dabere: (1) Sɛ woda baabi a wubetua ho ka a, yɛsrɛ sɛ mma nnipa pii ntra wo dan mu mmoro dodow a wɔma kwan no so. (2) Sɛ wokɔsoɛ obi fie a, di wo ho ni na yɛ w’ade pɛpɛɛpɛ, na kyerɛ nea wɔayɛ ama wo no ho anisɔ. (3) Ɛnsɛ sɛ anuanom mmarima ne mmea a wɔnyɛ abusua biako mufo da dan koro mu. (4) Nnoa aduan wɔ beae a wɔmma kwan. (5) Nea ɛbɛyɛ na wɔahu sɛ yebu bra pa no, ɛnsɛ sɛ obiara guare petee mu. Baabi a ɛho behia no, wobetumi de kɛtɛ anaa ntama ayɛ aguaree. (6) Sɛ́ Kristofo no, ɛnsɛ sɛ yɛfa nneɛma afoforo a wɔde hokwan ama ahɔho sɛ wɔmfa bi bere a wɔwɔ ahɔhodan mu hɔ no ma ɛtra so. (7) Da honhom aba no adi bere a wo ne ahɔhodan mu adwumayɛfo anaa abusua a wo ne wɔn bɛtra redi nsɛm no.