“Anigye Ne Nea Ɔkɔ So Gyina wɔ Sɔhwɛ Mu”
1 Ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa gyina sɔhwɛ ano. (2 Tim. 3:12) Sɔhwɛ no bi nam ɔyare, sikasɛm mu ahokyere, ɔtaa, anaa akwan foforo pii so na ɛba. Sɔhwɛ a Satan de ba yɛn so no atirimpɔw ne sɛ ɛbɛma yɛayɛ mmerɛw, yɛayɛ yɛn Kristofo som adwuma no bi ne bi, anaa mpo yɛagyae Onyankopɔn som. (Hiob 1:9-11) Ɔkwan bɛn so na sɔhwɛ ano a yegyina no ma yɛn ani gye?—2 Pet. 2:9.
2 Siesie Wo Ho ma Sɔhwɛ: Yehowa de n’Asɛm a ɛyɛ nokware, a Yesu asetra ho nsɛm ne ne nkyerɛkyerɛ ka ho ama yɛn. Sɛ yetie Yesu nsɛm na yɛde yɛ adwuma a, yɛto nhyɛase pa na yɛnam so siesie yɛn ho ma sɔhwɛ. (Luka 6:47-49) Yɛnam yɛn nuanom Kristofo, asafo nhyiam ahorow, ne Bible ho nhoma a akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no yɛ so nso nya ahoɔden. Yetumi kɔ Onyankopɔn anim bere nyinaa wɔ mpaebɔ mu.—Mat. 6:13.
3 Yehowa ama yɛn anidaso nso. Sɛ yenya gyidi a emu yɛ den wɔ Yehowa bɔhyɛ ahorow mu a, yɛn anidaso bɛyɛ te sɛ “ɔkra sɛkyɛ a etim hɔ na ɛyɛ pintinn.” (Heb. 6:19) Wɔ Bible mmere mu no, sɛ na wim tebea ye mpo a, na po so hyɛn ntu mfi mpoano a sɛkyɛ nka ho. Sɛ ahum tu mpofirim na wogyae sɛkyɛ no to po mu a, na ɛmma po so hyɛn no nkɔpem mpoano abotan. Saa ara na sɛ yenya gyidi a emu yɛ den wɔ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow mu nnɛ a, ɛbɛma yɛagyina pintinn bere a yɛahyia ɔhaw ahorow a emu yɛ den a ɛte sɛ ahum no. Sɔhwɛ betumi ato yɛn mpofirim. Ɛwom sɛ mfiase no, nnipa a wɔwɔ Listra no tiee asɛm a Paulo ne Barnaba kae no de, nanso bere a Yudafo asɔretiafo no bae no, tebea no sesae ntɛm ara.—Aso. 14:8-19.
4 Boasetɔ De Anigye Ba: Sɛ yɛkɔ so yɛ asɛnka adwuma no ɛmfa ho ɔsɔretia a, ɛma yenya asomdwoe. Sɛ Kristo nti wobu yɛn sɛ yɛfata sɛ wogu yɛn anim ase a, yɛn ani gye. (Aso. 5:40, 41) Sɛ yegyina sɔhwɛ ano a, ɛboa yɛn ma yɛbrɛ yɛn ho ase, yɛyɛ osetie, na yenya boasetɔ pii. (Deut. 8:16; Heb. 5:8; Yak. 1:2, 3) Ɛma yesua sɛnea yɛde yɛn ho bɛto Yehowa so, anya ne bɔhyɛ ahorow mu ahotoso, na yɛde no ayɛ yɛn guankɔbea.—Mmeb. 18:10.
5 Yenim sɛ sɔhwɛ rentra hɔ daa. (2 Kor. 4:17, 18) Sɔhwɛ ma yenya hokwan da ɔdɔ a emu yɛ den a yɛwɔ ma Yehowa no adi. Sɛ yegyina ano a, yebetumi ama wɔanya asɛm abua Satan sobo ahorow. Enti yɛmpa abaw! “Anigye ne nea ɔkɔ so gyina wɔ sɔhwɛ mu, efisɛ sɛ wogye no tom a, ne nsa bɛka nkwa abotiri.”—Yak. 1:12.