Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Foforo
Da koro nhyiam titiriw dwumadi a yɛbɛyɛ no 2008 ɔsom afe no asɛmti ne “Yɛyɛ Dɔte—Yehowa Ne Yɛn Nwemfo,” na egyina Yesaia 64:8 so. Kyerɛwnsɛm mu afotu a wɔnam dwumadi yi so de bɛma yɛn no bɛma anisɔ a yɛwɔ ma Yehowa nyansa, atɛntrenee, tumi ne ne dɔ sɛ Ɔnwemfo no ayɛ kɛse.
Ɔkasa a ɔmansin sohwɛfo bɛma, “Som a Yɛbɛsom sɛ Anwenne a Ɛwɔ Nidi wɔ Asɛnka Adwuma no Mu” bɛkyerɛ sɛnea nnipa pii renya nokware no a wɔahu no so nhyira pii na wɔreka ho asɛm akyerɛ afoforo. Ɔkasa a n’asɛmti ne “Nsɛm ho a Wudwennwen Bɛbɔ Wo Ho Ban” no bɛkyerɛ sɛnea Yehowa trenee nnyinasosɛm ho a yedwennwen yiye no bɔ yɛn ho ban. Ɔkasafo a Betel apaw no no bɛkyerɛkyerɛ nsɛmti a ɛne “Yɛmmfa ‘Wiase Nhyehyɛe Yi Su’” ne “Ma Ɔnwemfo Kɛse no Ntete Wo” no mu akyerɛ atiefo. Ɔkasa a ɛne “Mmabun a Wɔn Ho wɔ Mfaso ma Yehowa” ne “Awofo Asɛyɛde Titiriw wɔ Ntetee a Wɔde ma Mu” no bɛhyɛ awofo ne mmofra nyinaa nkuran. Yɛn ani begye sɛ yɛbɛte na yɛahu nea yɛn nuanom mmarima ne mmea reyɛ wɔ asɛnka adwuma no mu wɔ ɔyɛkyerɛ ne nsɛm a wobebisabisa wɔn no mu. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde nsu mu asubɔ yɛ wɔn ahosohyira ma Onyankopɔn ho sɛnkyerɛnne no ma ɔhwɛfo guamtrani no aso te ntɛm ara. Monhwɛ sɛ mode Ɔwɛn-Aban a yebesua wɔ dapɛn a wɔbɛyɛ da koro nhyiam titiriw no mu no bɛba.
Biribiara a Ɔnwemfo Kɛse no bɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, ɔyɛ. Nanso ɛyɛ yɛn mu biara asɛde sɛ ɔpaw sɛnea ɔbɛyɛ n’ade wɔ ntetee a ɔde rema yɛn no ho. Wɔbɛtete wɔn a wɔde nyansa gye Yehowa gyinapɛn ne ne nsiesiei tom no na wɔasiesie wɔn ma wɔabɛyɛ anwenne a mfaso wɔ so te sɛ dɔte a ɔnwemfo de yɛ adwuma. Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase hyɛ Yehowa ase a, ɛma yɛkamfo n’amansan tumidi kyerɛ.