Teokrase Ɔsom Sukuu Ntimu
Wobesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ dapɛn a efi ase wɔ October 29, 2007, no mu. Sukuu sohwɛfo no de simma 30 bɛyɛ ntĩmu a egyina September 3 kosi October 29, 2007 adapɛn no mu no so.
ƆKASA SU
1. Dɛn nti na ntĩmu yɛ ɔkwampa a wɔfa so kyerɛkyerɛ? [be-TW kr. 206 nky. 1-2, adaka]
2. Akwan bɛn na yebetumi afa so asi ɔkasa a yɛrema no asɛmti so dua? [be-TW kr. 210, adaka]
3. Dɛn ne ɔkasa bi mu nsɛntitiriw, na dɛn na ɛbɛboa wo ma woapaw nsɛntitiriw no? [be-TW kr. 212 nky. 1-3]
4. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛka nsɛntitiriw pii ho asɛm wɔ ɔkasa bi mu? [be-TW kr. 213 nky. 2-4]
5. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛma yɛn nnianim asɛm kanyan anigye, na yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? [be-TW kr. 215 nky. 1; kr. 216 nky. 1-3, adaka]
DWUMADI 1
6. Ɔkwan bɛn so na Dwom 119:89, 90 boa yɛn ma yetumi de yɛn ho to Onyankopɔn asɛm so? [w05-TW 4/15 kr. 15 nky. 3]
7. Dɛn na Hesekiel nhoma no si so dua, na dɛn na wɔn a wɔtew Yehowa din ho nnɛ no benya? [si-E kr. 137 nky. 33]
8. Ɛbɛyɛ dɛn na ‘Yehowa asɛm’ atumi abɔ yɛn koma ho ban? (Dw. 18:30) [w05-TW 9/1 kr. 30 nky. 2]
9. Ɔkwan bɛn so na wɔasi Ahenni no ho anidaso no so dua wɔ Daniel nhoma no mu nyinaa? [si-E kr. 142 nky. 23]
10. Ɔkwan bɛn so na Hosea nhoma no hyɛ gyidi a yɛwɔ wɔ Yehowa nkɔmhyɛ ahorow mu no mu den? [si-E kr. 145 nky. 14]
DAPƐN BIARA BIBLE AKENKAN
11. Asɔrefie no a wosusuwii wɔ Hesekiel anisoadehu no mu no kyerɛ dɛn, na awerɛhyem bɛn na ɛma yenya nnɛ? (Hes. 40:2-5) [w99-TW 3/1 kr. 9 nky. 6; kr. 14 nky. 7]
12. Wɔ Hesekiel anisoadehu no mmamu a etwa to mu no, hena ne “obirɛmpɔn no”? (Hes. 48:21) [w99-TW 3/1 kr. 16 nky. 13-15; kr. 22-23 nky. 19-20]
13. Daniel 2:21 kyerɛ dɛn? [w98-TW 9/15 kr. 12 nky. 9]
14. Dɛn na ɛmaa Yehowa ‘dɔɔ’ Daniel? (Dan. 9:23) [dp-TW kr. 185 nky. 12; w04-TW 8/1 kr. 12 nky. 17]
15. Ɔkwan bɛn so na na “Onyankopɔn ho nimdeɛ bi nni” Israel “asase so,” na dɛn na ɛsɛ sɛ yɛn mu biara sua fi mu? (Hos. 4:1, 2, 6) [w05-TW 11/15 kr. 21 nky. 21; jd-E kr. 57-58 nky. 5; kr. 61 nky. 10]