Monnantew sɛ Anyansafo
1 Bere a Yesu ka kyerɛɛ apofofo baanan sɛ wommedi n’akyi no, wɔantwentwɛn wɔn nan ase koraa, na mmom ‘ntɛm ara na wokodii n’akyi.’ (Mat. 4:18-22) Bere a Saul a ofi Tarso sakrae na ɔsan huu ade no, ɔno nso antwentwɛn ne nan ase, na mmom “ntɛm ara na ofii ase wɔ hyia adan mu kaa Yesu ho asɛm.” (Aso. 9:20) Bere nsan n’akyi; sɛ etwam a, na atwam. Ɛno nti na ɛho hia sɛ ‘yɛnantew sɛ anyansafo’ wɔ sɛnea yɛde yɛn bere di dwuma no ho.—Efe. 5:15, 16.
2 Asiane: Ebia yɛrennya hokwan a yɛwɔ nnɛ a yɛde som Yehowa no ɔkyena. (Yak. 4:14) “Asiane” betumi ato yɛn mu biara. (Ɔsɛnk. 9:11, NW) Bio nso, wɔ wiase a yɛte mu yi mu no, yɛn nyinaa renyinyin, na obiara ntumi nkwati “nna bɔne” a mpanyinyɛ de ba a ɛmma yentumi nyɛ pii wɔ Yehowa som mu no. (Ɔsɛnk. 12:1) Enti, nyansa nnim sɛ yebetu yɛn ho so a yebehyira ama Onyankopɔn no ahyɛ da anaasɛ yɛbɛtwɛn akosi sɛ bere pa bɛba ansa na yɛatrɛw yɛn som adwuma mu sɛnea yebetumi. (Luka 9:59-62) Esiane sɛ Abraham bɔɔ ne bra nyansam de ne nna nyinaa som Yehowa nti, onyaa asomdwoe wɔ ne nna a edi akyiri mu, na owui a na “wabɔ akwakoraa, na mfe amee no.”—Gen. 25:8.
3 Bere a Aka no Sua: Yɛn nso, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn bere di dwuma nyansam efisɛ “bere a aka no sua.” (1 Kor. 7:29-31) Ɛrenkyɛ koraa wiase dedaw yi bɛkɔ n’awiei. Yɛrennya hokwan biara mfa mmoaboa nnipa a wɔte sɛ nguan no ano wɔ bere a ‘wotwa asase so nneɛma’ no mu bio. (Adi. 14:15) Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛamma asetra mu dadwen ne nneɛma a ɛtwetwe adwene annye yɛn bere a ɛsɛ sɛ yɛde yɛ asɛnka adwuma no. (Luka 21:34, 35) Hwɛ sɛnea daakye sɛ yetwa yɛn ani hwɛ yɛn akyi na yehu sɛ yɛyɛɛ otwa adwuma no yiye a, yebenya akomatɔyam!
4 Ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ bere nyinaa na yɛatumi de yɛn ho ahyɛ ɔsom mu dwumadi biara a ebia hokwan bebue ama yɛn no mu. Momma yensi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi biara de asom Yehowa “da biara a wɔfrɛ no ‘Ɛnnɛ’ no.” (Heb. 3:13) Sɛ yɛyɛ saa a, yɛbɛda yɛn ho adi sɛ anyansafo ankasa, efisɛ “nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.”—1 Yoh. 2:17.