Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma Ho
Ɔwɛn-Aban Nov. 1
“Wususuw sɛ sɛ nnipa wɔ ahobrɛase paa a, anka wiase mu tra bɛyɛ dɛ? [Twɛn ma ommua.] Hyɛ nea Yesu ka fa saa su yi ho no nsow. [Kenkan Mateo 23:12.] Nsɛmma nhoma yi ma yehu mfaso a ɛwɔ ahobrɛase a yebenya so wɔ wiase a nnipa resi akan wɔ mu yi mpo mu.”
Awake! Nov.
“Tete no, na nnipa taa hwehwɛ akwankyerɛ fi Bible mu. Nanso nnɛ nnipa pii ka sɛ wonnye Bible no nni. Wudwen ho dɛn? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan 2 Timoteo 3:16.] Awake! soronko yi ma yehu nea ɛkyerɛ ankasa sɛ Onyankopɔn na ɔma wɔkyerɛw Bible no.”
Ɔwɛn-Aban Nov. 15
“Obiara pɛ sɛ onya asetra a edi mũ. Wo ne Yesu yɛ adwene wɔ nea ɔkae wɔ ha sɛ ɛde anigye ba no ho? [Kenkan Mateo 5:3. Afei twɛn ma ommua.] Nsɛmma nhoma yi ma yehu sɛnea yebetumi asom Onyankopɔn ma yɛn asetra adi mũ.”
Awake! Nov
“Wɔ yɛn bere yi a nyansahu anya nkɔanim na akyinnyegye abu so mu no, nnipa pii susuw sɛ Bible no bere atwam. Wudwen ho dɛn? [Twɛn ma ommua.] Ná wunim dedaw sɛ nyansahu ho asɛm biara a Bible ka no yɛ nokware? [Kenkan Hiob 26:7.] Awake! soronko yi ma yehu nea enti paa a yebetumi de yɛn ho ato Bible no so.”