Gyidi ho Adanse!
1. Nsɛm a ɛhaw adwene bɛn na Yesu kae sɛ ebesisi?
1 Bere a Yesu reka ne mmae ne bere a ɛwɔ hɔ yi awiei ho asɛm no, n’asuafo no yɛɛ aso tie no yiye. Ná nsɛm a ɛhaw adwene te sɛ akodi, aduankɔm, asasewosow, ne ɔyaredɔm bɛba adesamma so. Nea edi hɔ no, Yesu kae sɛ wɔbɛtan n’akyidifo, wobeyi wɔn ama ahohiahia, na wɔakum wɔn. Atoro adiyifo bɛsɔre na wɔadaadaa nnipa bebree. Na nnipa dodow no ara dɔ ano bedwo.
2. Dɛn nti na ɛyɛ nwonwa sɛ wɔreka asɛmpa no wɔ wiase nyinaa?
2 Saa nsɛm yi nti, ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛɛ asomafo no nwonwa bere a Yesu kae sɛ wɔbɛka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa wɔ asase so nyinaa no. (Mat. 24:3-14) Ɛnnɛ yehu sɛ saa nkɔmhyɛ no aba mu ma ɛyɛ nwonwa. Ɛwom sɛ yɛte mmere a ɛyɛ hu mu de, nanso Yehowa Adansefo de nnamyɛ ka asɛmpa no. Bere a wiase no dɔ ano redwo no, yɛn de, yɛn dɔ mu yɛ ara na ɛreyɛ den. Ɛmfa ho sɛ “aman nyinaa” tan yɛn no, ɛkame ayɛ sɛ yɛka asɛm no wɔ ɔman biara mu.
3. Dɛn na ɛhyɛ wo nkuran wɔ wiase nyinaa akontaabu pon no ho?
3 Hwɛ sɛnea ɛhyɛ nkuran sɛ yebesusuw adwuma a Yehowa Adansefo tumi yɛe wɔ ɔsom afe a etwaam no mu a ɛwɔ akontaabu pon a ɛwɔ kratafa 3 kosi 6 no ho! Mfe 16 ni, afe biara yɛde nnɔnhwerew bɛboro ɔpepepem biako yɛ asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no. Gyidi ho adanse bɛn ara ni! Yenyaa daa akwampaefo dodow nkɔanim 100 mu nkyem 5 ne kakra, adawurubɔfo dodow nkɔanim 100 mu nkyem 3 ne kakra, ne Bible adesua dodow nkɔanim 100 mu nkyem 4 ne kakra. Nnipa a wɔbɔɔ asu dodow boro afe a etwaam de no so 100 mu nkyem 20 ne kakra. Ɛyɛ anigye sɛ nnipa a wɔn dodow reyɛ adu ɔpepem ason de nokwaredi resom Yehowa—ɛmmae saa da wɔ nnipa asetra mu pɛn! Sɛ wohwɛ akontaabu pon no so a, dɛn na ɛhyɛ wo nkuran paa?
4. Bere a na ɔbarima bi pɛ sɛ ɔbɔ asu no, ɔhaw bɛn na odii so?
4 Ɛwom sɛ akontaabu no ankasa hyɛ nkuran de, nanso ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi da sɛ ɛfa nnipa a wɔakyerɛ sɛ wɔwɔ gyidi ho. Susuw nhwɛso bi ho hwɛ. Wɔtetee Guillermo wɔ Bolivia. Wɔwoo no wɔ afe 1935 mu. Ofii ase yɛɛ adwuma wɔ coca afuw bi mu bere a na wadi mfe akron. Efi ne mmofraase na ofii ase wee coca ahaban sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrente adwumaden a ɔyɛ no mu brɛ. Akyiri yi, na ɔnom nsa paa ne sigaret. Bere a Guillermo fii ase suaa nea Yehowa pɛ sɛ ɔyɛ ho ade no, ogyaee sigaretnom na wannom nsa pii bio. Nea na ɛyɛ den paa ma no sɛ obegyae ne coca ahaban a na ne we aka ne hɔ no. Ɔkɔɔ so bɔɔ mpae na odii subammɔne yi so. Ogyaee nneɛma bɔne yi nyinaa na ɔbɔɔ asu. Ɔka sɛ: “Seesei mete nka sɛ me ho tew na mewɔ anigye paa.”
5. Dɛn na wopɛ?
5 Nnipa ho hia Yehowa paa. Nea ɔpɛ ne sɛ nnipa nyinaa bɛsakra wɔn adwene. (2 Pet. 3:9) Saa na yɛn nso yɛpɛ. Momma yɛn koma nka yɛn mma yɛnkɔ so nyɛ nea yebetumi biara mfa mmoa nnipa komapafo mma wommehu Yehowa na wɔnnɔ no sɛnea yɛdɔ no no.