Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/09 kr. 4
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—2009
Yɛn Ahenni Som—2009
km 1/09 kr. 4

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bɛma January: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? Sɛ afiewuranom wɔ nhoma yi bi dedaw a, adawurubɔfo betumi de nhoma biara a ekura nkratafa 192 a wotintimii ansa na afe 1992 reba ama wɔn. February: Momfa nhoma a edidi so a mowɔ bi dedaw wɔ mo hɔ no mu bi mma. Is There a Creator Who Cares About You?, Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba, anaa The Bible—God’s Word or Man’s? March: Momfa Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma no mma. Mommɔ mmɔden paa sɛ mubefi Bible adesua ase. April: Momfa Ɔwɛn-Aban ne Awake! nsɛmma nhoma mma.

◼ Efi March dapɛn a edi kan no, baguam ɔkasa foforo a amansin so ahwɛfo bɛma no asɛmti ne “Po Wiase Nsusuwii Hunu, Di Ahenni Nneɛma a Ɛwɔ Hɔ Ankasa Akyi.”

◼ Ɛsɛ sɛ asafo ahorow no yɛ nhyehyɛe a ɛfata na wɔatumi ayɛ afe yi Nkaedi no Yawda, April 9, bere a owia akɔtɔ. Ɛsɛ sɛ asafo biara bɔ mmɔden sɛ wɔn ankasa bɛyɛ wɔn Nkaedi. Baabi a asafo dodow bi hyiam wɔ Ahenni Asa biako so no, ebia asafo biako anaa abien betumi akogye ɔdan foforo de adi afahyɛ no saa anwummere no. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, bere a asafo biako awie dwumadi no, momma bɛyɛ simma 40 ntwam ansa na asafo foforo afi ne de ase sɛnea ɛbɛyɛ a obiara betumi ne afoforo anya fekubɔ wɔ Nkaedi no akyi.

◼ Ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo yɛ nhyehyɛe ma kuw a atew ne ho anaa kuw a wɔka mum kasa a wɔwɔ wɔn asasesin mu no mu biara yɛ wɔn ankasa Nkaedi. Ɛsɛ sɛ wɔpaw ɔkasafo a ɔfata na wɔma no krataa a wɔhwɛ so ma Nkaedi ho ɔkasa (S-31) no bi. Ɛsɛ sɛ wɔde nnipa dodow a wɔbɛba kuw no Nkaedi no bi no ka asafo no de ho de mena Betel ntɛm ara.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena