Nkaebɔ
◼ Nhoma a yɛde bɛma March: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? Mommɔ mmɔden paa sɛ mubefi Bible adesua ase. April ne May: Momfa Ɔwɛn-Aban ne Awake! nsɛmma nhoma no mma. Sɛ moresan akɔsra anigyefo ne wɔn a wɔbaa Nkaedi anaa asafo no dwumadi foforo ase nanso wɔne yɛn mmɔ kɛse no nkyɛn a, mommɔ mmɔden sɛ mode Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma no bɛma. Momfa nnyɛ mo botae sɛ mubefi Bible adesua ase.
◼ Sɛ mo nsa ka Ɔwɛn-Aban ne Awake! nsɛmma nhoma a aba foforo no a, ɛsɛ sɛ mokyekyɛ no ntɛm ara. Eyi bɛma adawurubɔfo ahu emu nsɛm no yiye ansa na wɔde ama wɔ asɛnka mu.
◼ Mankind’s Oldest Modern Book video no na edi kan wɔ video ahorow abiɛsa a wɔaka abom wɔ DVD a ɛne The Bible—A Book of Fact and Prophecy no so. Wɔhyɛ mmusua nyinaa nkuran sɛ wɔnhwɛ video yi wɔ ɔsram yi mu, na wonsusuw ho bere a wɔreyɛ wɔn ankasa adesua anaa abusua som no.—Hwɛ February 2006 Yɛn Ahenni Som, kratafa 8.