Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/09 kr. 3-4
  • Krataa a Efi Sodikuw No Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Krataa a Efi Sodikuw No Hɔ
  • Yɛn Ahenni Som—2009
Yɛn Ahenni Som—2009
km 3/09 kr. 3-4

Krataa a Efi Sodikuw No Hɔ

Yɛn Mfɛfo Adansefo a Yɛne Mo Som Yehowa:

Anuanom adɔfo, yɛn ani agye paa sɛ yɛrekyerɛw mo krataa yi! Yɛte nka te sɛ ɔsomafo Yohane a ɔkae sɛ ‘ɔdɔ’ ne mfɛfo gyidifo “nokwarem,” na n’ani gyei sɛ na ‘wɔnam nokware no mu’ no. (2 Yoh. 1, 4) Hwɛ sɛnea nokware no som bo ma yɛn nyinaa! Nokware no ama yɛade yɛn ho afi Babilon Kɛse no, ne nkyerɛkyerɛ, ne n’amanne a ɛnhyɛ Onyankopɔn anuonyam no ho. Nea Bible kyerɛkyerɛ a yetie no ama yɛabɛyɛ nnipa a wɔwɔ ɔdɔ, ayamye ne mmɔborohunu. Na nokware no ama yɛanya gyinabea pa wɔ Onyankopɔn anim, na yɛanya daa nkwa ho anidaso nso.

Yɛn ani sɔ Yehowa honhom a ɛkyerɛ yɛn kwan da biara da na ɛhyɛ yɛn den no nso! Yegye di sɛ mo ani gyei bere a mohwehwɛɛ Yehowa nsiesie a ofi ɔdɔ mu de ma yi afã horow no mu wɔ “Onyankopɔn Honhom Kyerɛ Yɛn Kwan” Ɔmantam Nhyiam ahorow a yɛyɛɛ no nnansa yi ara no ase no. Bere a wiase nsɛm tebea gu so resɛe no, ɛho hia sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa honhom a tumi wom no so ma ɛkyerɛ yɛn kwan wɔ mmere a emu yɛ den a ɛda yɛn anim no mu.

Yegye di paa sɛ bere a mokenkanee kyerɛwtohɔ a ɛhyɛ nkuran a ɛwɔ Yearbook mu a ɛfa yɛn nuanom a esiane wɔn gyidi nti wogyinaa amanehunu pii ano ho no, ɛkaa mo koma. Afei nso, ɛyɛ nwonwa sɛ yehui sɛ bere a anokwafo yi hyiaa ɔhaw ahorow no, na wɔn mu pii bɔɔ asu nkyɛe, na na ebinom mpo mmɔɔ asu. Yɛdɔ wɔn paa esiane wɔn nokwaredi ne nokware no afã a wogyinaa pintinn no nti! Nokwarem no, wɔn nhwɛso pa no ahyɛ yɛn den, na yɛasi yɛn bo sɛ yebegyina Ahenni no afã pintinn ɛmfa ho ɔhaw biara a yebehyia.—1 Tes. 1:6-8.

Yɛn nuanom adɔfo, yenim sɛ morehyia ɔhaw ahorow pii, te sɛ sikasɛm mu ahokyere ne ɔhaw afoforo a ɛsɛ sɛ mugyina ano na ama moatumi ne mo mmusua abom atena wɔ ɔdɔ mu. Mo mu bi wɔ hɔ a, ɛyɛ den ma mo sɛ mobɛkɔ asɛnka ne adesua daa. Eyi nti na bere a yɛde mpaebɔ susuw nsɛm ho mpɛn pii no, yesii gyinae sɛ efi January 1, 2009 no, yɛbɛyɛ nsakrae wɔ bere a yɛde yɛ asafo nhyiam ahorow mu no. Yɛwɔ awerɛhyem sɛ mode saa nsakrae yi bedi dwuma yiye sɛnea ɛbɛyɛ a mubenya bere pii de ayɛ mo ankasa ne mo abusua adesua.

Wɔ ɔmansin ne ɔmantam nhyiam ahorow a yɛyɛe wɔ afe a etwaam no mu no, yɛn ani gyei paa sɛ nnipa pii bɔɔ asu. Ná wɔn mu binom mpo yɛ mmofra nkumaa. Awofo, mofata nkamfo sɛ moatete mo mma ma wɔn ani agye nokware no ho, na mohyɛɛ wɔn nkuran ma wohyiraa wɔn ho so sɛ wɔbɛsom Yehowa bere a wɔda so ara yɛ mmofra no. Mmofra nkumaa a wɔte saa a wɔtaa hyia ɔhaw pii wɔ sukuu mu, nanso wɔatumi abɔ asu no kyerɛ sɛ wonyaa ntetee pa wɔ fie.—Dw. 128:1-6.

Ade foforo a yɛpɛ sɛ yɛka ho asɛm nso ne Bible adesua pii a yetumi yɛe no. Asɛmpatrɛwfo ne akwampaefo atitiriw a wɔyɛ nsi no nso ka ho bi paa na yenyaa nkɔanim yi. Yɛn a yɛwɔ Sodikuw no mu nyinaa ani sɔ adwuma titiriw a yɛn nuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ wiase nyinaa yɛ de ka kyerɛ nnipa komapafo sɛ “Bra!” na wɔto nsa frɛ wɔn a osukɔm de wɔn nyinaa sɛ ‘wommegye nkwa nsu kwa’ no. (Adi. 22:17) Yɛde anigye ma nnipa 289,678 a wɔde nsu mu asubɔ yɛɛ wɔn ahosohyira ho sɛnkyerɛnne wɔ afe a etwaam no nyinaa akwaaba sɛ wɔabɛka yɛn nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa no ho!

Eye sɛ yɛbɛkaakae nsɛm a ɔsomafo Yohane kyerɛwee yi: “Wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tena hɔ daa.” (1 Yoh. 2:17) San susuw bere a yɛte mu a ɛrenkyɛ koraa saa wiase yi ‘betwam’ no ho hwɛ! Nyansa wom sɛ yɛbɔ yɛn bra ma ɛne Onyankopɔn apɛde hyia na ‘yɛkɔ so wɛn.’ (Mat. 24:42) Sɛ yɛyɛ saa a, yɛrennu yɛn ho da, na yebenya Yehowa adɔe so mfaso pii.—Yes. 63:7.

Yɛwɔ awerɛhyem sɛ, nsɛm a ɛka koma a efi aman ahorow so a ɛwɔ afe yi Yearbook mu no bɛhyɛ mo nyinaa nkuran ma mode Ahenni no adi kan wɔ mo asetena mu. Yɛpɛ sɛ mo nyinaa hu sɛ yedwen mo ho, yɛbɔ mpae ma mo, na yɛdɔ mo paa. Yehowa nhyira mo nyinaa.

Mo nuanom,

Yehowa Adansefo Sodikuw

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena