Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/09 kr. 1
  • Asɛnka Hyɛ Yɛn Den Honhom Fam

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛnka Hyɛ Yɛn Den Honhom Fam
  • Yɛn Ahenni Som—2009
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Woreyɛ Wo Som Adwuma No Pɛpɛɛpɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
  • Yehowa Bɛma Wo Ahoɔden
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
  • Asɛnka Boa ma Yenya Boasetɔ
    Yɛn Ahenni Som—2005
  • Wobɛyɛ Dɛn Atumi Akɔ so Ayɛ Asɛnka Adwuma No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2009
km 4/09 kr. 1

Asɛnka Hyɛ Yɛn Den Honhom Fam

1. Mfaso bɛn na asɛnka adwuma no ma yenya?

1 Sɛ yɛde nsi yɛ asɛnka adwuma no a, ebetumi ahyɛ yɛn den honhom fam na yɛanya anigye kɛse. Nokwarem no, ade titiriw a enti yɛyɛ asɛnka adwuma no ne sɛ yɛbɛsɔ Yehowa ani. Nanso, sɛ yedi ahyɛde a ɛne sɛ ‘yɛnka asɛm no’ so a, yenya Yehowa nhyira na ɛboa yɛn wɔ akwan afoforo so nso. (2 Tim. 4:2; Yes. 48:17, 18) Ɔkwan bɛn so koraa na asɛnka betumi ahyɛ yɛn den na ama yɛn ani agye?

2. Akwan bɛn so na asɛnka adwuma no hyɛ yɛn den?

2 Asɛnka Hyɛ Yɛn Den na Yenya Nhyira Fi Mu: Asɛnka hyɛ yɛn nkuran ma yɛde yɛn adwene si Ahenni nhyira horow so sen sɛ yɛde besi ɔhaw a yehyia nnɛ no so. (2 Kor. 4:18) Bible no a yɛkyerɛkyerɛ mu kyerɛ afoforo no hyɛ gyidi a yɛwɔ wɔ Yehowa bɔhyɛ ahorow mu no mu den, na ɛma anisɔ a yɛwɔ ma nokware no yɛ kɛse. (Yes. 65:13, 14) Sɛ yɛboa afoforo ma wɔhyɛ wɔne Yehowa ntam abusuabɔ mu den sɛnea ɛbɛyɛ a ‘wɔrenyɛ wiase no fã’ a, ɛhyɛ yɛn bo a yɛasi sɛ yɛbɛtwe yɛn ho afi wiase no ho no mu den.—Yoh. 17:14, 16; Rom. 12:2.

3. Ɔkwan bɛn so na yɛn asɛnka adwuma no boa ma yenya Kristofo su ahorow?

3 Asɛnka adwuma a yɛyɛ no boa ma yenya Kristofo su ahorow. Sɛ nhwɛso no, bere a yɛbɔ mmɔden sɛ ‘yɛbɛyɛ biribiara ama nnipa ahorow nyinaa’ no, ɛboa ma yɛda ahobrɛase adi kɛse. (1 Kor. 9:19-23) Sɛ yɛkasa kyerɛ wɔn a wɔte sɛ “nguan a wonni hwɛfo a wɔapirapira wɔn agyaw wɔn agu hɔ” no a, ɛma yesua sɛ yɛbɛda mmɔborohunu ne tema adi. (Mat. 9:36) Sɛ yegyina ɔsɔretia anaa anibiannaso a wɔda no adi kyerɛ yɛn no ano a, ɛma yesua boasetɔ. Sɛ yetu yɛn ho ma na yɛboa afoforo a, ɛma yɛn anigye yɛ kɛse.—Aso. 20:35.

4. Wote nka dɛn wɔ asɛnka adwuma a woyɛ no ho?

4 Hwɛ nhyira ara a yenya sɛ yɛyɛ asɛnka adwuma a ɛma yeyi nea Ne nkutoo fata sɛ yɛsom no no ayɛ! Asɛnka adwuma no hyɛ yɛn den. Ɛma yɛn a yɛde yɛn ho nyinaa ama sɛ ‘yebedi asɛmpa no ho adanse fefeefe’ no nya nhyira pii.—Aso. 20:24.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena