Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma April ne May: Momfa Watchtower ne Awake! nsɛmma nhoma no mma. Sɛ moresan akɔsra anigyefo ne wɔn a wɔbaa Nkaedi anaa asafo no dwumadi foforo ase nanso wɔne yɛn mmɔ kɛse no nkyɛn a, mommɔ mmɔden sɛ mode Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma no bɛma. Momfa nyɛ mo botae sɛ mubefi Bible adesua ase. June: Momfa Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma no mma. July: Momfa nhomawa biara a ekura nkratafa 32 a mowɔ bi no mma.
◼ Yɛbɛbɔ mmɔden abɔ afe 2009 ɔmantam ne amanaman ntam nhyiam a wɔbɛyɛ wɔ wiase nyinaa no ho dawuru. Adawurubɔfo benya hokwan akyekyɛ nsaano krataa titiriw bi wɔ wɔn asasesin mu. Ɛsɛ sɛ mufi ɔsatu no ase bere a aka adapɛn abiɛsa ama mo asafo no akɔ mo nhyiam no.
◼ Wɔbɛfa asafo no so de nhyiam no baagye abrɛ adawurubɔfo nyinaa. Wɔn a wɔbɛkɔ amanaman ntam nhyiam no nso bɛbɔ baagye koro no ara bi.