Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/09 kr. 2
  • Tu Wo Ho Ma Wo Bible Asuafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Tu Wo Ho Ma Wo Bible Asuafo
  • Yɛn Ahenni Som—2009
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Boa Wo Bible Asuafo Ma Wɔmmɔ Asu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
  • Sɛnea Yɛbɛboa Yɛn Bible Asuafo Ama Wɔanya Nkɔso Abɔ Asu—Ɔfa a Ɛto So Mmienu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
  • Asafo No Nyinaa, Mommoa Bible Asuafo Mma Wontumi Nnya Nkɔso Mmɔ Asu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
  • Sɛnea Yɛbɛboa Yɛn Bible Asuafo Ama Wɔanya Nkɔso Abɔ Asu—Ɔfã a Edi Kan
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2009
km 12/09 kr. 2

Tu Wo Ho Ma Wo Bible Asuafo

1. Dɛn na ehia na yɛatumi aboa Bible suani?

1 Sɛ yebetumi aboa Bible suani ma wanya nkɔanim ahyira ne ho so a, ɛnyɛ nea ehia ara ne sɛ yɛne no bɛyɛ Bible adesua daa. Ɔsomafo Paulo de abusuabɔ a na ɔne wɔn a ɔkyerɛkyerɛ wɔn wɔ no totoo abusuabɔ a ɛda ɔbaatan ne ne mma ntam no ho. Ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛn nso yɛde “yɛn ankasa kra” bɛto hɔ ama yɛn Bible asuafo sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya honhom fam nkɔso.—1 Tes. 2:7-9.

2. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yedwen yɛn Bible asuafo ho, na yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa?

2 Ma Onhu sɛ Wudwen Ne Ho: Bere a Bible suani de nea ɔresua rebɔ ne bra no, n’ahonim bɛka no ma watwe ne ho afi ne nnamfo a wɔmfa Bible nnyinasosɛm nyɛ adwuma no ho. (1 Pet. 4:4) Ebia n’abusuafo bɛpo no. (Mat. 10:34-36) Sɛ yɛda ɔdɔ adi kyerɛ no a, ɛremma ɔnte nka sɛ wayɛ ankonam. Ɔsɛmpatrɛwfo bi kae sɛ: “Sɛ musua ade wie a, mpere wo ho mfi fie hɔ nkɔ. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wo ne no mmɔ nkɔmmɔ kakra ansa na woakɔ.” Sɛ ohia mmoa a, fa ma no. Sɛ nhwɛso no, sɛ ɔyare a, so wubetumi afrɛ no telefon so anaa wubetumi akɔsra no? Na sɛ okura mmofra a, so wubetumi aboa no ahwɛ wɔn bere a asafo nhyiam rekɔ so no?

3. Yɛbɛyɛ dɛn ama yɛn suani anya nkuranhyɛ afi asafo no hɔ?

3 Mmoa a Asafo no Betumi De Ama: Sɛ woreyɛ asɛnka adwuma no wɔ beae a ɛbɛn wo suani no fie a, dɛn nti na wo ne onua a wo ne no nam no mmɔ mfa hɔ nkokyia no? Sɛ ɛwom ara a, wo ne adawurubɔfo ne mpanyimfo afoforo nkɔ ne nkyɛn. Afei nso, sɛ wo ne obi nya fi Bible adesua ase ara pɛ a, hyɛ no nkuran sɛ ɔmmra adesua wɔ Ahenni Asa so. Eyi bɛma ɔne anuanom a daakye ebia wɔbɛyɛ ne honhom mu abusua no anya fekubɔ pa.—Mar. 10:29, 30; Heb. 10:24, 25.

4. Sɛ yɛbɔ mmɔden wɔ asɛnka mu a, dɛn na ebetumi afi mu aba?

4 Awofo nya anigye kɛse bere a wɔfa akwannuasa so boa wɔn mma honhom mu ma wɔbɛsom Yehowa na wɔtena nokware no mu no. (3 Yoh. 4) Saa ara na yɛn ani gye bere a yetu yɛn ho ma yɛn Bible asuafo no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena