Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/10 kr. 5-6
  • Krataa a Efi Sodikuw No Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Krataa a Efi Sodikuw No Hɔ
  • Yɛn Ahenni Som—2010
Yɛn Ahenni Som—2010
km 3/10 kr. 5-6

Krataa a Efi Sodikuw No Hɔ

Yɛn Mfɛfo Adansefo a Yɛne Mo Som Yehowa:

Hwɛ hokwan ara a yɛanya sɛ yɛyɛ nkurɔfo a Amansan Hene Yehowa no din da yɛn so! Saa din no bɛtena hɔ daa, ɛrentwam, na edin biara ne no nsɛ. Yehowa ankasa na ɔde ne din maa yɛn sɛ yɛmfa nto yɛn ho so, na efi afe 1931 titiriw no, saa din soronko no na wɔde nim yɛn. (Yes. 43:​10) Yɛde anigye a ɛso bi nni na ɛda yɛn ho adi sɛ yɛyɛ Yehowa Adansefo.

Ɔbonsam awe ahinam so sɛ ɔbɛma Onyankopɔn din no ayera koraa. Amanaman a odi wɔn so no bu Yehowa din no animtiaa. Babilon Kɛse, wiase nyinaa atoro som ahemman no kyi din kronkron no, na wɔayi afi Bible nkyerɛase pii mu. Nanso, Yesu de, ɔntoto n’Agya din no ase koraa, na ɔde dii kan wɔ mpaebɔ a ɔde yɛɛ nhwɛso a ɔkyerɛɛ n’akyidifo no mu. Ɔkae sɛ: “Enti mommɔ mpae sɛ: ‘Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew.’” (Mat. 6:9) Akyiri yi, ɔkae wɔ mpae a ofii ne komam bɔɔ n’Agya no mu sɛ: “Mada wo din adi akyerɛ nnipa a wuyii wɔn fii wiase maa me no.” (Yoh. 17:6) Yesu nhwɛso akyi a yedi nti, yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛbɔ Yehowa din no dawuru wɔ asase so baabiara asen bere biara.

Afe 2009 afe asɛm a ɛkae sɛ ‘Di Asɛmpa no ho Adanse Fefeefe’ no kanyan yɛn ma yɛyɛɛ asɛnka adwuma no kɛse. (Aso. 20:​24) Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa ahyira adwuma a yɛyɛe wɔ afe a etwaam no so pii. Yedii adanse paa wɔ wiase nyinaa de hyɛɛ Yehowa din anuonyam. Adawurubɔfo dodow a ɛsen biara 7,313,173 de biakoyɛ kaa asɛm no kyerɛɛ nnipa nyinaa, na wɔkyerɛkyerɛɛ nnipa komapafo a wɔrehwehwɛ ɔhaw pii a wohyia da biara no ano aduru no. Nnipa 18,168,323 a wɔbaa Kristo wu Nkaedi no ase no kyerɛ sɛ nnipa afoforo ɔpepem pii betumi abɛbɔ Yehowa din ansa na wiase yi akɔ n’awiei.

Bere tenten a Yehowa ma ho kwan no, yɛbɛkɔ so de nsi aka Ahenni asɛmpa no, na yɛafa ɔkwan biara a yebetumi anya so akɔ nnipa a wɔwɔ yɛn asasesin mu no nkyɛn. (Mat. 24:​14; Mar. 13:​10) Sɛ ɛyɛ afie afie adansedi oo, mmɔnten so de oo, krataakyerɛw ne telefon so de oo, anaa bɔnnɔ so de oo, momma yɛnyɛ nea yebetumi biara mma nnipa pii nhu Yehowa din ne n’atirimpɔw.

Yɛwɔ nea yebetumi agyina so aka sɛ ɛrenkyɛ Yehowa bɛwosow ne ho de atew ne din ho. (Hes. 36:​23) Aka kakraa bi na wɔama wɔn a wogu Yehowa din ho fĩ no aka wɔn ano atom. Hwɛ anigye da a ɛbɛyɛ ama Yehowa asomfo anokwafo a wɔama nkurɔfo ahu Yehowa din na wɔagyina n’amansan tumidi akyi no nyinaa!

Yehuu sɛnea Yehowa fi ɔdɔ mu hwɛ ne nkurɔfo no pefee wɔ “Monkɔ so Nwɛn!” Ɔmantam ne Amanaman Ntam Nhyiam a yɛyɛe wɔ wiase fã kɛse no ara wɔ afe 2009 mu no ase. Saa nhyiam no yɛ ade titiriw wɔ yɛn teokrase abakɔsɛm mu, na akanyan yɛn ama yɛahu hia a ehia sɛ yɛnwɛn de hwɛ Yehowa da no kwan.​—Mar. 13:​37; 1 Tes. 5:​1, 2, 4.

Ampa, Yehowa ye; ɔde anigye hyɛ yɛn koma ma. Ɔma yɛda wura frɔmfrɔm adidibea. Ɔde yɛn kɔ homebea a nsu pii wɔ.​—Dw. 23:​1, 2; 100:​2, 5.

Munnya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛkɔ so ahyira mo bere a moyɛ pii wɔ Ahenni adwuma no mu wɔ asram a ɛreba no mu no!

Yɛde yɛn Kristofo dɔ kyia anuanom a wɔwɔ wiase nyinaa,

Mo nuanom,

Yehowa Adansefo Sodikuw

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena