Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma April: Ɔwɛn-Aban ne Awake! nsɛmma nhoma. Sɛ moresan akɔsra anigyefo ne wɔn a wɔbaa Nkaedi anaa asafo no dwumadi foforo ase nanso wɔne yɛn mmɔ kɛse no nkyɛn a, mommɔ mmɔden sɛ mode Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma no bɛma. Momfa nyɛ mo botae sɛ mubefi Bible adesua ase. May: Momfa Ɔwɛn-Aban ne Awake! nsɛmma nhoma mma. June: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? July: Nhomawa a ekura nkratafa 32 biara a ɛfata.
◼ Adapɛn a wɔbɛyɛ ɔmantam ne ɔmansin nhyiam ne da koro nhyiam titiriw no, wɔrenyɛ Asafo Bible Adesua, Teokrase Ɔsom Sukuu, ne Ɔsom Nhyiam no. Eyi nti, yɛrehyɛ anuanom nyinaa nkuran sɛ wɔn ankasa nsusuw adesua ahorow abiɛsa yi ho. Wobetumi de bere a wɔde yɛ wɔn Abusua Som no ayɛ saa.
◼ Ɔkasa titiriw a wɔbɛma no afe 2010 wɔ Nkaedi bere mu no asɛmti ne “Bere Bɛn na Yebenya Asomdwoe ne Ahobammɔ Ankasa?” Asafo dodow no ara bɛma ɔkasa yi dapɛn a efi ase Dwoda, April 12, 2010. Ɛnsɛ sɛ asafo biara ma ɔkasa yi ansa na April 12 adu.