Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma May: Momfa Ɔwɛn-Aban ne Awake! nsɛmma nhoma mma. Sɛ moresan akɔsra anigyefo ne wɔn a wɔbaa Nkaedi anaa asafo no dwumadi foforo ase nanso wɔne yɛn mmɔ kɛse no nkyɛn a, mommɔ mmɔden sɛ mode Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma no bɛma. Momfa nyɛ mo botae sɛ mubefi Bible adesua ase. June: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? July ne August: Nhomawa a ekura nkratafa 32 biara a ɛfata.