So W’aniwa Hwɛ Tee?
1. Yɛn ‘aniwa a ɛhwɛ tee’ no kyerɛ dɛn?
1 Nea yɛn aniwa hu no tumi nya yɛn nneyɛe so nkɛntɛnso. Enti hwɛ sɛnea Yesu asɛm yi fata: “Sɛ w’aniwa hwɛ tee a, wo nipadua nyinaa bɛhyerɛn”! (Mat. 6:22) Sɛ yɛn aniwa hwɛ “tee” honhom fam a, ɛkyerɛ sɛ esi ade biako so—Onyankopɔn apɛde a yɛbɛyɛ. Yɛde Ahenni no di kan na yɛmma honam fam nneɛma anaa nnwuma ahorow a ɛho nhia ntwitware yɛn som mu.
2. Dɛn na ebetumi asɛe yɛn nsusuwii, na dɛn na ebetumi aboa yɛn?
2 Ehia sɛ Yɛhwehwɛ Yɛn Ho Mu: Sɛ yɛma aguade ho dawurubɔ kyerɛ yɛn nea yehia anaa yɛma yɛn ani gye nea afoforo wɔ ho a, ebetumi asɛe yɛn nsusuwii. Ansa na yebetu biribi ho anammɔn anaa yɛbɛtɔ biribi a ebetumi agye yɛn bere, yɛn sika, anaa yɛn ahoɔden pii no, ɛbɛyɛ papa sɛ ‘yɛtena ase sēsē’ nneɛma, na yebisa yɛn ho sɛ, ‘So eyi bɛboa me ma masom Yehowa yiye anaa ɛbɛbrɛ me som ase?’ (Luka 14:28; Filip. 1:9-11) Nyansa wom nso sɛ bere ne bere mu no, yɛhwehwɛ akwan a yɛbɛfa so ayɛ yɛn ho awiɛmfoɔ sɛnea ɛbɛma yɛatumi ayɛ ɔsom adwuma no pii.—2 Kor. 13:5; Efe. 5:10.
3. Dɛn na yesua fi onuawa bi a ɔyɛɛ ne ho ɔwiɛmfoɔ no hɔ?
3 Bere a onuawa bi fii akwampae adwuma ase no, ɛwom sɛ na obetumi de ne bere fã ayɛ honam fam adwuma anya sika ahwɛ ne ho de, nanso ɔpawee sɛ ɔbɛkɔ so akura n’adwuma a ɔde bere nyinaa yɛ no mu. Bere bi akyi no ɔkae sɛ: “Obiara ntumi nsom awuranom baanu. Enti na ɛsɛ sɛ mede nea mepɛ bɔ afɔre na mede m’ani si nea mihia so. Mihui sɛ nneɛma a yɛn ani gye ho nnɛ no, ɔkyena na atwam, enti sɛ midi akyi a, mɛbrɛ kwa.” Akyiri yi, ɔhwɛɛ ne tebea no yɛɛ nsakrae na ɛma ɔyɛɛ ne ho ɔwiɛmfoɔ. Afei ɔsesaa n’adwuma na ɔkɔɔ so yɛɛ akwampae adwuma no.
4. Dɛn nti na ɛho abehia nnɛ sɛ yɛma yɛn aniwa hwɛ tee?
4 Sɛnea nneɛma gye ntɛmpɛ nnɛ no ama ɛho abehia paa sɛ yɛma yɛn aniwa hwɛ tee. Adekyee biara ma yɛbɛn wiase yi nhyehyɛe awiei ne Onyankopɔn wiase foforo a ɛreba no. (1 Kor. 7:29, 31) Sɛ yɛde yɛn adwene si asɛnka adwuma no so a, yebegye yɛn ho ne wɔn a wotie yɛn no nkwa.—1 Tim. 4:16.