Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma June: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? July ne August: Nhomawa a ekura nkratafa 32 biara a ɛfata a mowɔ bi gu hɔ. September: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
◼ Yebesusuw The Bible—Its Power in Your Life ne The Bible—Accurate History, Reliable Prophecy video no ho wɔ Ɔsom Nhyiam ase wɔ September mu. Sɛ muhia DVD yi bi a, ɛsɛ sɛ mofa mo asafo no so kra The Bible—A Book of Fact and Prophecy—On DVD, a saa video ahorow yi wɔ so no ntɛm ara.
◼ Seesei, yɛremfa mmeae ne bere a wɔbɛyɛ ɔmantam nhyiam mma Yɛn Ahenni Som mu bio. Wɔde mmeae ne bere a wɔbɛyɛ nhyiam no biako bɛbɔ amanneɛbɔ pon so wɔ Ahenni Asa so ma anuanom ahwɛ. Mubetumi nso ahwɛ mmeae ne bere a wɔbɛyɛ nhyiam wɔ Ghana ne aman afoforo so wɔ Intanɛt so wɔ www.jw.org.