Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma September: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? Mommɔ mmɔden sɛ mubefi Bible adesua ase wɔ nsrahwɛ a edi kan no ara mu. October: Watchtower ne Awake! nsɛmma nhoma. November: The Bible—What Is Its Message? December: Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn.
◼ Wɔbɛma afe 2011 Nkaedi bere mu ɔkasa titiriw no wɔ dapɛn a efi ase April 25, 2011 mu. Yɛde ɔkasa no asɛmti no bɛma akyiri yi. Asafo ahorow a wɔn ɔmansin sohwɛfo bɛba abɛsra wɔn, anaasɛ wɔbɛyɛ ɔmansin nhyiam saa dapɛn no awiei no bɛma ɔkasa titiriw no dapɛn a edi hɔ no. Ɛnsɛ sɛ asafo biara ma ɔkasa titiriw no ansa na April 25 adu.