Ɔsom Adwuma Nkɔso
Yɛde anigye rebɔ mo amanneɛ sɛ, Sodikuw no de akwankyerɛ ama sɛ efi afe 2011 mu no, wonyi Asomfo Ntetee Sukuu a wɔyɛ wɔ Franse kasa mu wɔ Togo no mmra Ghana.
Asuafo a yɛrehwɛ kwan sɛ wɔbɛba no fi aman bi te sɛ Guinea, Côte d’Ivoire, Burkina Faso, Benin, Niger, Senegal, Guinea-Bissau, Mali, Gambia ne Togo.
Afei nso, mo ani begye sɛ mubehu sɛ wɔ June mu no, yenyaa adawurubɔfo dodow a ɛsen biara 101,900 wɔ Ghana.