Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/10 kr. 3
  • Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu
  • Yɛn Ahenni Som—2010
Yɛn Ahenni Som—2010
km 12/10 kr. 3

Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu

Wobesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ dapɛn a efi ase December 27, 2010 mu. Sukuu sohwɛfo no de simma 20 bɛyɛ ntĩmu a egyina nneɛma a yɛasusuw ho wɔ November 1 kosi December 27, 2010 adapɛn no mu no so.

1. Dɛn na yebetumi asua afi Lewifo nnwontofo no ayeyi nsɛm a ɛwɔ 1 Beresosɛm 16:34 no mu? [w02 1/15 kr. 11 nky. 6-7]

2. So 1 Beresosɛm 22:8 kyerɛ sɛ ɛyɛ mfomso sɛ Dawid dii ako, na ɛno nti na Yehowa ampɛ sɛ osi N’asɔrefie no? Kyerɛkyerɛ mu. [it-2-E kr. 987 nky. 1]

3. Ná Ɔhene Dawid pɛ sɛ ne ba Solomon te nka dɛn wɔ Onyankopɔn ho? (1 Be. 28:9) [w08 10/15 kr. 7 nky. 18]

4. Dɛn nti na na ɛfata sɛ wɔyɛ ɛpo a wɔagu no si ade a ɛte sɛ nantwi so? (2 Be. 4:2-4) [w05 12/1 kr. 19 nky. 3; w98 6/15 kr. 16 nky. 17]

5. So abopon abien no pɛ na na ɛwɔ apam adaka no mu, anaa na nneɛma foforo ka ho? (2 Be. 5:10) [w06 1/15 kr. 31]

6. Ná Solomon kyerɛ dɛn bere a ɔka kyerɛɛ Yehowa sɛ obiara a ɔde ‘n’ani bɛkyerɛ ofie yi abɔ mpae’ no, ontie no no? (2 Be. 6:21, 32, 33) [it-1-E kr. 137 nky. 1]

7. Asɛm “nkyene apam” a ɛwɔ 2 Beresosɛm 13:5 no kyerɛ dɛn? [w05 12/1 kr. 20 nky. 2; it-2-E kr. 842 nky. 7]

8. Ɔkwan bɛn so na yebetumi de 2 Beresosɛm 17:9, 10 mu nnyinasosɛm no adi dwuma wɔ asɛnka mu? [w09 6/15 kr. 12 nky. 7]

9. Dɛn na Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ bɛyɛ ma ɛne 2 Beresosɛm 20:17 ahyia? [w03 6/1 kr. 21-22 nky. 14-17]

10. Dɛn na yebetumi asua afi Ɔhene Usia ahantan adeyɛ no mu? (2 Be. 26:15-21) [w99 12/1 kr. 26 nky. 1-2]

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena