Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma March: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? Mommɔ mmɔden sɛ mubefi Bible adesua ase. April ne May: Ɔwɛn-Aban ne Awake! nsɛmma nhoma. Mommɔ mmɔden sɛ mubefi Bible adesua ase wɔ nsrahwɛ a edi kan no ara mu. June: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
◼ Sɛ woredi obi a ɔka China kasa adanse a, fa Nations nhomawa no kratafa a China kasa (Traditional) (CH) ne China kasa (Simplified) (CHS) wɔ no kyerɛ no sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛkyerɛ nea ɔpɛ sɛ ɔkenkan. Mpɛn pii no, nnipa a wofi Hong Kong anaa Taiwan no ani gye ho sɛ wɔbɛkenkan nhoma a ɛwɔ China kasa (Traditional) (CH) mu, ɛnna wɔn a wofi China no nso taa pɛ China kasa (Simplified) (CHS). Ɛdefa video anaa CD a wɔbɔ tie ho no, fa kasa a ɔte no yiye ma no. Mpɛn pii no nnipa a wofi China ne Taiwan te China kasa (Mandarin) (CHM), ɛnna wɔn a wofi Hong Kong no te China kasa (Cantonese) (CHC).
◼ Wɔ August mu no, yebesusuw Jehovah’s Witnesses—Organized to Share the Good News video no ho wɔ Ɔsom Nhyiam ase. Sɛ muhia bi a, momfa mo asafo no so nkra bi ntɛm.