Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/11 kr. 3
  • Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu
  • Yɛn Ahenni Som—2011
Yɛn Ahenni Som—2011
km 6/11 kr. 3

Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu

Wobesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ dapɛn a efi ase June 27, 2011 mu. Sukuu sohwɛfo no de simma 20 bɛyɛ ntĩmu a egyina nneɛma a yɛasusuw ho wɔ May 2 kosi June 27, 2011 adapɛn no mu no so.

1. Dɛn na yebetumi asua afi ka a Yehowa ka kyerɛɛ Hiob sɛ ɔmmɔ mpae mma wɔn a wɔayɛ bɔne atia no no mu? (Hiob 42:8) [w98 8/15 kr. 30 nky. 5]

2. Dɛn ne “trenee afɔre” a Kristofo bɔ no nnɛ no? (Dw. 4:5) [w06 5/15 kr. 18 nky. 9]

3. Ɔkwan bɛn so na Dawid asaabo teɛɛ ne so? (Dw. 16:7) [w04 12/1 kr. 14 nky. 9]

4. Ɔkwan bɛn so na “ɔsoro ka Onyankopɔn anuonyam kyerɛ”? (Dw. 19:1) [w04 10/1 kr. 10 nky. 8]

5. Abusuabɔ bɛn na ɛda anidaso ne akokoduru a Ɔhene Dawid kaa ho asɛm wɔ Dwom 27:14 no ntam? [w06 10/1 kr. 26-27 nky. 3,  6]

6. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ Dwom 37:21 ka yɛn bere a yɛne yɛn nuanom redi no? [w88 8/15 kr. 17 nky. 8]

7. Anisɔ ho asuade bɛn na yebetumi anya afi Lewini bi a na ɔwɔ dommum asɛm no mu? (Dw. 42:1-3) [w06 6/1 kr. 9 nky. 3]

8. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛadɔ trenee na yɛakyi mmarato? (Dw. 45:7) [cf kr. 58-59 nky. 8-10]

9. Honhom anaa ‘koma a etie’ bɛn na Dawid srɛe sɛ ɛmmoa no no? (Dw. 51:12) [w06 6/1 kr. 9 nky. 10]

10. Ɔkwan bɛn so na ɔtreneeni betumi ayɛ te sɛ ngodua a ɛwɔ Onyankopɔn fie? (Dw. 52:8) [w00 5/15 kr. 29 nky. 6]

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena