Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma June: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? Mommɔ mmɔden sɛ mubefi Bible adesua ase wɔ nsrahwɛ a edi kan no ara mu. Sɛ afiewuranom wɔ nhoma yi bi dedaw na wɔmpɛ sɛ mo ne wɔn bɛyɛ Bible adesua a, mubetumi de nsɛmma nhoma dedaw anaa nhomawa biara a wɔn ani gye ho ama wɔn. July ne August: Nhomawa biara a ekura nkratafa 32 a mo asafo no wɔ bi gu hɔ. September: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? Mommɔ mmɔden sɛ mubefi Bible adesua ase wɔ nsrahwɛ a edi kan no ara mu.
◼ Mubetumi ahwɛ mmeae ne bere a wɔbɛyɛ afe yi ɔmantam nhyiam wɔ Ghana ne aman afoforo so no wɔ Intanɛt so wɔ www.pr418.com. Wɔde mmeae ne bere a wɔbɛyɛ nhyiam wɔ Ghana ha no biako bɛbɔ amanneɛbɔ pon so wɔ Ahenni Asa so ma anuanom ahwɛ.
◼ Wɔrekae asafo ahorow no sɛ womfi ase nkra nneɛma a wɔkra no afe afe no bi. Mubetumi afa Intanɛt so akra bi wɔ jw.org. Sɛ muntumi mfa Intanɛt so nkra a, ɛnde yɛsrɛ sɛ momfa Literature Request (S-14) kratasin no nkra bi.