Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu
Wobesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ dapɛn a efi ase October 31, 2011 mu.
1. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbata Yehowa nkaesɛm ho? (Dw. 119:60, 61) [w00 12/1 kr. 14 nky. 3]
2. Dɛn na yebetumi asua afi Dwom 133:1-3 mu? [w06 9/1 kr. 16 nky. 2]
3. Ɔkwan bɛn so na na Yehowa ‘ahwehwɛ’ Dawid mu ‘na wabu ne ho akontaa’ wɔ ‘n’akwantu’ ne ne “nnae mu”? (Dw. 139:1, 3) [w06 9/1 kr. 16 nky. 5; w93 10/1 kr. 11 nky. 6]
4. Nsɛnnennen ahorow bɛn mu na Yehowa ‘bɛwowaw’ anaa ‘ɔbɛma’ ne nkoa so ‘agyina hɔ’? (Dw. 145:14) [w04 1/15 kr. 17 nky. 11]
5. Nneyɛe bɛn na ɛma wobuu ɔbarima a wɔka ne ho asɛm wɔ Mmebusɛm 6:12-14 no sɛ ɔyɛ onipa huhuw? [w00 9/15 kr. 26 nky. 5-6]
6. Dɛn nti na onyansafo “begye mmara nsɛm atom”? (Mmeb. 10:8) [w01 7/15 kr. 26 nky. 1]
7. Nsonsonoe bɛn na ɛda ɔkwan a onyansafo fa so yɛ n’ade bere a wɔayeyaw no anaa wɔakasa atia no wɔ ɔkwan a ɛmfata so ne sɛnea ɔkwasea fa so yɛ n’ade no ntam? (Mmeb. 12:16) [w03 3/15 kr. 27 nky. 3-4]
8. Ɔkwan bɛn so na adwempa ma ɛyɛ yiye sɛ yɛbɛtena “apontow mu daa”? (Mmeb. 15:15) [w06 7/1 kr. 16 nky. 6]
9. Yɛbɛyɛ dɛn anya “adwempa,” na ɔkwan bɛn so na nea ɔyɛ saa no “dɔ ne kra”? (Mmeb. 19:8) [w99 7/1 kr. 18 nky. 4; it-1-E kr. 1059 nky. 1]
10. Ɔkwan bɛn so na nhumu betumi aboa ofie anaa abusua? (Mmeb. 24:3) [w06 9/15 kr. 27 nky. 11; be kr. 32 nky. 1]