Ɔsom Adwuma Nkɔso
Ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛbɛma moate sɛ yɛanya adawurubɔfo ne daa akwampaefo dodow nkɔanim foforo a ɛsen biara. Yɛde adawurubɔfo dodow nkɔanim a ɛsen biara 109,040 na ewiee afe 2011 ɔsom afe no. Eyi boro afe 2010 de no so ɔha mu nkyem 4.8. Yɛsan nyaa daa akwampaefo dodow nkɔanim foforo 8,871, ɛno nso boro afe a etwam de no so ɔha mu nkyem 24.2. Anuanom, yɛma mo nyinaa ayekoo sɛ moboa ma yenyaa akontaabu pa saa.
Yɛn ani agye paa sɛ yehu sɛ Yehowa rehyira yɛn adwuma no so, na yɛhwɛ kwan sɛ ɔbɛkɔ so ahyira so bere a ‘yɛma yɛn ani so hwɛ mfuw no sɛ ahoa sɛ wotwa no.’—Yoh. 4:35.