Ɔsom Adwuma Nkɔso
Afe 2011 “Onyankopɔn Ahenni Mmra!” Amantam Nhyiam no baa awiei wɔ January mfinimfini wɔ afe yi mu. Yɛyɛɛ amantam nhyiam 71 wɔ ɔman no mu nyinaa wɔ kasa horow akron mu. Nnipa dodow a wɔkɔɔ bi no dodow yɛ 248,143, na eyi boro afe a etwam no de no so ɔha mu nkyem 4, na wɔbɔɔ nnipa 3,608 asu.
Anuanom a wɔkɔɔ Bolgatanga nhyiam no ani gyei paa bere a woyii Tie Onyankopɔn nhomawa no adi wɔ Frafra mu no. Eyi ne nhomawa a edi kan koraa a yɛayi no adi wɔ Frafra kasa mu wɔ ɔmantam nhyiam ase.