Krataa a Efi Sodikuw No Hɔ
Yɛn Mfɛfo Yehowa Adansefo:
Ɛyɛ yɛn anigye paa sɛ yɛrekyerɛw Yehowa asomfo anokwafo a seesei mo dodow boro ɔpepem ason no krataa yi. Sɛ muhyia mo mfɛfo gyidifo a wofi aman foforo so a, ntɛm ara munya ɔdɔ soronko ma wɔn. (Yoh. 13:34, 35) Akyinnye biara nni ho sɛ bere a mokenkan Yearbook no, mo nuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ aman horow so gyidi ne wɔn nokwaredi ho kyerɛwtohɔ a ɛyɛ anigye no bɛsan ama moahu saa ɔdɔ soronko no.
Amanneɛbɔ a yɛate afi wiase nyinaa no kyerɛ sɛ mo mu pii afa Abusua Som nhyehyɛe no aniberesɛm. Mo a mowɔ mmofra nkumaa no afa akwan pa pii so ama mo mma nkumaa kɔ so kyerɛ adesua no ho anigye. (Efe. 6:4) Esiane sɛ nhyehyɛe yi ma awarefo bom susuw honhom fam nneɛma ho nti, ɛma abusuabɔ a ɛda wɔn ntam no mu yɛ den. (Efe. 5:28-33) Nokwasɛm ne sɛ, ankorankoro ne mmusua renya nhyehyɛe yi a ɛma wosua Onyankopɔn Asɛm yiye no so mfaso.—Yos. 1:8, 9.
Yɛte nka ma mo a atoyerɛnkyɛm a asisi nnansa yi nti moahwere mo nneɛma no. Yɛde hokwan yi da mo mu pii a mutuu mo ho mae ntɛm ara boae wɔ mmere a ɛte saa mu no ase. (Aso. 11:28-30; Gal. 6:9, 10) Bio nso, wɔ asafo biara mu no, mo mu binom hu honam fam nneɛma a mo nuanom hia, na moboa wɔn ma wɔn nsa ka a afoforo nte ho asɛm. “Nnwuma pa ne adɔe ayɛ” mo ma te sɛ Dorka a ɔtenaa ase tete no. (Aso. 9:36) Munnya awerɛhyem sɛ Yehowa hu nea moreyɛ yi na obetua mo ka.—Mat. 6:3, 4.
Wɔ aman bi so no, wɔn a wokyinkyim mmara tiatia mo ahofadi so bere a wɔfa mmara so “de ɔhaw ba” mo so no. (Dw. 94:20-22) Esiane sɛ munim sɛ Yesu hyɛɛ nkɔm sɛ ɔtaa a ɛte saa bɛba nti, mode akokoduru gyina ano, na mode Yehowa yɛ mo guankɔbea. (Yoh. 15:19, 20) Yɛn nuanom adɔfo, munnya awerɛhyem sɛ yɛbɔ mpae ma mo daa bere a mokɔ so ‘de anoyi ma obiara a obisa anidaso a ɛwɔ mo mu no ho asɛm’ no.—1 Pet. 3:13-15.
Ɛwom sɛ Satan nam anifere kwan so kɔ so hyɛ abrabɔ bɔne ho nkuran de, nanso mo anuanom ɔpepem pii no kɔ so bɔ ɔbra pa afe biara. Ne saa nti yɛde anigye kamfo mo. Bere a wiase no abrabɔ rekɔ so sɛe koraa no, mo de, ‘moreyɛ den Awurade ne n’ahoɔden kɛseyɛ mu.’ (Efe. 6:10) ‘Moahyɛ Onyankopɔn akode nyinaa,’ ma enti mugyina pintinn ko tia “Ɔbonsam nnɛɛdɛe no.” (Efe. 6:11, 12) Munhu sɛ mo nhwɛso pa no ma Yehowa nya mmuae ma Satan a ɔbɔ no ahohora no!—Mmeb. 27:11.
Yɛn ani gyei sɛ yɛtee sɛ wɔ afe 2011 mu no, nnipa 19,374,737 na wɔbaa yɛn Awurade wu Nkaedi no ase. Mo mu pii a moyɛɛ akwampaefo aboafo wɔ April a etwaam no mu sɛnea wɔkae sɛ yɛnyɛ no nso ka ho na ɛmaa nnipa pii bae no. Asase so nnipa ɔpepem pii tumi tee biakoyɛ a Yehowa Adansefo anokwafo de yii Yehowa ayɛ no! (Rom. 10:18) Sɛ́ ebia woka nnipa 2,657,377 a wɔyɛɛ akwampaefo aboafo wɔ saa ɔsram no mu no ho anaa wofaa ɔkwan bi so yɛɛ pii wɔ asɛnka mu no, esiane sɛ mo nyinaa fii mo pɛ mu de nsi yɛɛ adwuma no nti, momaa yɛn ani gyei yiye.—Dw. 110:3; Kol. 3:23.
Afe a etwaam no, nnipa afoforo 263,131 bɔɔ asu de kyerɛe sɛ wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa. Yɛda Yehowa ase wɔ eyi ho, afei nso yɛda mo nyinaa ase sɛ mo ne yɛn boom too nsa frɛɛ afoforo sɛ: “‘Bra!’ Na ma nea ɔte biara nka sɛ: ‘Bra!’ Na ma nea osukɔm de no biara mmra; na ma nea ɔpɛ biara mmegye nkwa nsu kwa.” (Adi. 22:17) Ne titiriw no, bere a yesusuw Onyankopɔn Ahenni a wɔde asi hɔ no afã horow ho wɔ afe 2011 amantam nhyiam no ase wiei no, seesei yɛka no denneennen sɛ “Onyankopɔn Ahenni mmra!” sen bere biara a atwam. Esiane sɛ awerɛhyem a Yesu de ama sɛ “mereba ntɛm” no kanyan yɛn nti, yefi yɛn koma nyinaa mu ne ɔsomafo Yohane bom ka sɛ: “Amen! Awurade Yesu, bra.”—Adi. 22:20.
Bere a mokɔ so hwɛ saa anigyesɛm a ebesi no kwan no, yɛsrɛ sɛ munnya awerɛhyem sɛ yɛdɔ mo anuanom mmarima ne mmea a moda no adi sɛ modɔ Yehowa wɔ “nneyɛe ne nokware mu” no nyinaa ankasa!—1 Yoh. 3:18.
Mo nuanom,
Yehowa Adansefo Sodikuw