Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma June: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? Mommɔ mmɔden sɛ mubefi Bible adesua ase wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu. Sɛ afiewuranom wɔ nhoma yi bi dedaw na wɔmpɛ sɛ mo ne wɔn bɛyɛ Bible adesua a, mubetumi de nsɛmma nhoma dedaw anaa nhomawa biara a wɔn ani gye ho ama wɔn. July ne August: Momfa nhomawa biara a ekura nkratafa 32 a mutumi de di dwuma yiye wɔ mo asasesin mu mma. Sɛ moreyɛ sankɔhwɛ a, momfa Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no nni dwuma, na sɛ Tie Onyankopɔn anaa Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa nhomawa no na ebetumi aboa onipa no yiye a, momfa biako mma no na mommɔ mmɔden sɛ mubefi Bible adesua ase. September: Ɔwɛn-Aban ne Awake! nsɛmma nhoma. Sɛ moreyɛ sankɔhwɛ a, momfa Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no nni dwuma, na sɛ Tie Onyankopɔn anaa Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa nhomawa no na ebetumi aboa onipa no yiye a, momfa biako mma no na mommɔ mmɔden sɛ mubefi Bible adesua ase.
◼ Sɛ moresusuw Asɛmmisa Afã no ho a, yɛsrɛ sɛ monhyɛ no nsow sɛ, sɛ obi pɛ sɛ ɔde n’agyapade bi ma ahyehyɛde no a, ɛho hia sɛ ɔkyerɛw mmara kwan so ahyehyɛde pɔtee no din pɛpɛɛpɛ. Wɔ Ghana no, ɛno ne Watch Tower Bible and Tract Society of Ghana. Afei nso, sɛ ɔkyerɛ onii ko a ɔbɛhwɛ ma wɔakyɛ agyapade no a, ɛyɛ papa sɛ ɔyɛ nhyehyɛe wɔ mmara kwan so krataa no mu ma onii no nya sika a ɔde betua ɛka a ɔbɛbɔ wɔ ho no.
◼ Sɛ mode nsɛmma nhoma reyɛ ɔyɛkyerɛ wɔ Ɔsom Nhyiam anaa asɛnka nhyiam ase a, ɛsɛ sɛ asafo ahorow no de nsɛmma nhoma a ɛwɔ wɔn kasa mu a wɔwɔ bi no yɛ adwuma. Eyi bɛma moanya nhyiam no so mfaso kɛse na ɛbɛhyɛ mo nkuran ma mode nhoma a ɛsom bo yi adi dwuma.