Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma August: Momfa Tie Onyankopɔn anaa Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa nhomawa no mma, na mommɔ mmɔden sɛ mubefi Bible adesua ase. September ne October: Ɔwɛn-Aban ne Awake! nsɛmma nhoma. Sɛ moreyɛ sankɔhwɛ a, momfa Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no nni dwuma, na sɛ Tie Onyankopɔn anaa Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa nhomawa no na ɛfata paa sɛ mode di dwuma a, momfa mma na mommɔ mmɔden sɛ mubefi Bible adesua ase. November: Momfa nkratawa a mutumi de di dwuma yiye wɔ mo asasesin mu a mowɔ bi wɔ hɔ no mma. Sɛ onipa no kyerɛ ho anigye a, momfa Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no anaa Tie Onyankopɔn anaa Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa nhomawa no mu biako nkyerɛ no sɛnea wɔyɛ Bible adesua.
◼ Efi September rekɔ no, amansin so ahwɛfo bɛma ɔkasa a asɛmti no ne “Onyankopɔn a Yɛne no Bɛnantew Bɛma Yɛanya Nhyira Nnɛ ne Daa.”