Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma September ne October: Ɔwɛn-Aban ne Awake! nsɛmma nhoma. Sɛ moreyɛ sankɔhwɛ a, momfa Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no nni dwuma, na sɛ Tie Onyankopɔn anaa Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa nhomawa no na ɛfata paa sɛ mode di dwuma a, momfa mma na mommɔ mmɔden sɛ mubefi Bible adesua ase. November: Momfa nkratawa a mutumi de di dwuma yiye wɔ mo asasesin mu a mowɔ no mu biako mma. Sɛ onipa no kyerɛ ho anigye a, momfa Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no anaa Tie Onyankopɔn anaa Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa nhomawa no mu biako nkyerɛ no sɛnea wɔyɛ Bible adesua. December: Momfa nkratawa a mutumi de di dwuma yiye wɔ mo asasesin mu no mu bi mma. Sɛ onipa no kyerɛ ho anigye a, momfa Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no anaa Tie Onyankopɔn anaa Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa nhomawa no mu biako nkyerɛ no sɛnea wɔyɛ Bible adesua.
◼ Wɔbɛma afe 2013 Nkaedi bere mu baguam ɔkasa titiriw no wɔ dapɛn a efi ase April 1 mu. Yɛbɛma moate ɔkasa no asɛmti akyiri yi. Asafo ahorow a wɔn ɔmansin sohwɛfo bɛba abɛsra wɔn, anaasɛ wɔbɛyɛ ɔmansin nhyiam saa dapɛn no awiei no bɛma ɔkasa titiriw no dapɛn a edi hɔ no. Ɛnsɛ sɛ asafo biara ma ɔkasa titiriw no ansa na April 1 adu.