Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma October: Ɔwɛn-Aban ne Awake! nsɛmma nhoma. Sɛ moreyɛ sankɔhwɛ a, momfa Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no nni dwuma, na sɛ Tie Onyankopɔn anaa Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa nhomawa no na ɛfata paa sɛ mode di dwuma a, momfa mma na mommɔ mmɔden sɛ mubefi Bible adesua ase. November: Momfa nkratawa a mutumi de di dwuma yiye wɔ mo asasesin mu a mowɔ bi wɔ hɔ no mu biako mma. Sɛ onipa no kyerɛ ho anigye a, momfa Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no anaa Tie Onyankopɔn anaa Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa nhomawa no mu biako nkyerɛ no sɛnea wɔyɛ Bible adesua. December: Momfa nkratawa a mutumi de di dwuma yiye wɔ mo asasesin mu no mu bi mma. Sɛ onipa no kyerɛ ho anigye a, momfa Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no anaa Tie Onyankopɔn anaa Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa nhomawa no mu biako nkyerɛ no sɛnea wɔyɛ Bible adesua. January: Momfa nhomawa biara a ekura nkratafa 32 a mutumi de di dwuma yiye wɔ mo asasesin mu mma. Sɛ moreyɛ sankɔhwɛ a, momfa Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no nni dwuma, na sɛ Tie Onyankopɔn anaa Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa nhomawa no na ebetumi aboa onipa no yiye a, momfa biako mma no na mommɔ mmɔden sɛ mubefi Bible adesua ase.
◼ Asafo ahorow pii asɛnka akontaabu ka akyi. Sɛ adawurubɔfo de wɔn asɛnka akontaabu ma ntɛm a, yɛn ani sɔ yiye. Yɛrekae asafo mu akyerɛwfo sɛ ɔsram biara wɔmfa nkontaabu a nea ɛkaa akyi nyinaa ka ho, (a ebia wɔde fa posɔfese, Intanɛt dwumadibea a ɛne jw.org, anaa fax nɔma (030-2712454) so) no mmena ntɛm.