Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma May ne June: Momfa nkratawa a mutumi de di dwuma yiye wɔ mo asasesin mu a mowɔ bi wɔ hɔ no mu bi mma. Sɛ onipa no kyerɛ ho anigye a, momfa Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no anaa Tie Onyankopɔn anaa Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa nhomawa no mu biako nkyerɛ no sɛnea wɔyɛ Bible adesua. July ne August: Asɛmpa a Efi Onyankopɔn Hɔ! anaa Tie Onyankopɔn anaa Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa nhomawa no mu biako.
◼ Sɛ wogye wo to ayaresabea na wopɛ sɛ w’asafo mu mpanyimfo anaa sɛ ɛyɛ kurow kɛse mu a, mpanyimfo a wɔwɔ Ayarefo Nsrahwɛ Kuw no mu bɛsra wo a, dɛn na wubetumi ayɛ na ayɛ mmerɛw ama wɔn? Sɛ wɔrekyerɛw wo ho nsɛm wɔ ayaresabea hɔ a, yɛsrɛ sɛ, da wo ho adi sɛ woyɛ Kristoni, na woyɛ Yehowa Ɔdansefo. Ma wonhu sɛ wopɛ sɛ Yehowa Adansefo mpanyimfo no mu bi bɛsra wo. Wo ho a wobɛda no adi sɛ woyɛ Kristoni, na woyɛ Yehowa Ɔdansefo no betumi abɔ wo ho ban, titiriw bere a wɔpɛ sɛ wɔma wo mogya no.