Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma September ne October: Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma. November ne December: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? anaa So Wopɛ sɛ Wuhu Nokware No? kratawa no.
◼ Wɔbɛma afe 2014 Nkaedi bere mu baguam ɔkasa titiriw no wɔ dapɛn a efi ase April 21 mu. Yɛbɛma moate ɔkasa no asɛmti akyiri yi. Asafo ahorow a wɔn ɔmansin sohwɛfo bɛba abɛsra wɔn, anaasɛ wɔbɛyɛ ɔmansin nhyiam saa dapɛn no awiei no bɛma ɔkasa titiriw no dapɛn a edi hɔ no. Ɛnsɛ sɛ asafo biara ma ɔkasa titiriw no ansa na April 21 adu.
◼ Mubetumi ayɛ Ɔsom Nhyiam a etwa to a mobɛyɛ ansa na moakɔ ɔmantam nhyiam no mu nsakrae na ama moatumi atĩ nhyiam a mobɛkɔ no ho afotu ne nkaebɔ a yesusuw ho wɔ April 22 dapɛn no mu mu. Ɔsram biako anaa abien wɔ mo nhyiam no akyi no, mubetumi de asafo mu ahiade bere no atĩ nhyiam dwumadi no mu nsɛm a adawurubɔfo ahu sɛ ɛboa wɔ asɛnka mu no mu.