Mmerante ne Mmabaa Betumi Anya Asafo Nhyiam So Mfaso
1 Ababaa bi kae sɛ: “Ɛtɔ da a, misusuw sɛ mmabun na wohyia nsɛnnennen sen biara wɔ asetenam. Baabi a yɛbɛfa biara aguamammɔfo, nnipa a wɔnom nnubɔne ne wɔn a wɔwe nsa atwa yɛn ho ahyia.” So saa na wote nka? Sɛ ɛyɛ wo sɛ yɛ saa nneɛma bɔne yi bi a, dɛn na ɛbɛboa wo ama woatumi ako tia? Wuhia gyidi a emu den na aboa wo ma woayɛ Yehowa apɛde anyɛ saa a ‘worentumi nsɔ n’ani.’ (Heb. 11:6) Sɛ wokɔ Kristofo nhyiam daa a, ɛbɛhyɛ wo gyidi den na ɛbɛma woatwe wo ho afi bɔne ho koraa.
2 Asafo Nhyiam So wɔ Mfaso Kɛse: Wo ne wo nnamfo hyia na moredi aduan bi a ɛyɛ dɛ a, dɛn na ɛma w’ani gye? Bere a moredidi na morebɔ nkɔmmɔ serew no, wubehu sɛ wo koma atɔ wo yam. Saa ara na sɛ yehyiam ne yɛn nuanom som Onyankopɔn a ɛma yɛn ani gye.
3 Yɛkɔ asafo nhyiam a, yesua nneɛma bebree. Ebi wɔ hɔ a ɛfa asetenam nsɛnnennen ho, ebi nso fa Bible nkɔmhyɛ ho. Sɛ wode akwankyerɛ a wɔde ma wɔ hɔ no yɛ adwuma a, ɛbɛma woahu sɛnea wobɛbɔ wo bra ne sɛnea wuhyia ɔhaw a wubegyina ano. Ɛhɔ na wubenya nnamfo pa, na wo nuanom Kristofo a wɔdɔ wo na wɔpɛ wo yiye nko ara na wubehu wɔn wɔ hɔ. (Dw. 133:1) Edi sɛ abofra bi kae sɛ: “Da biara a mekɔ sukuu abedu fie no na mabrɛ. Nanso, sɛ mekɔ asafo nhyiam a, ɛte sɛ nea menam asase pradadaa so na manya abura bi mu nsu anom adwudwo me koma. Ɛma minya ahoɔden foforo a mede bɛsan akɔ sukuu.” Ɔfoforo nso kae sɛ: “Sɛ mekɔ nhyiam a, me ne nnipa a wɔdɔ Yehowa na ɛbɔ, na ɛno boa me ma mebɛn Yehowa kɛse.”
4 Sɛ wokyerɛw wo din wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu a, ɛbɛboa wo ama woahu sɛnea wubegyina nnipadɔm anim akasa. Wubehu sɛnea wobɛboaboa Bible mu nsɛm ano ahyehyɛ no kama de ama ɔkasa akyerɛ atiefo a wɔwɔ Ahenni Asa so. Wo de, hwɛ sɛnea saa nteetee yi betumi aboa wo ama wode Onyankopɔn Asɛm akyerɛkyerɛ yiye! Ɛhe bio na mmerante ne mmabaa betumi anya ntetee a ɛsom bo sɛɛ?
5 Wobɛyɛ Dɛn Anya Nhyiam So Mfaso Kɛse?: Sɛ wubetumi anya nhyiam so mfaso a, nneɛma mmiɛnsa bi ho hia paa. Nea edi kan, ɛsɛ sɛ wusiesie wo ho, nea ɛtɔ so mmienu, fa wo ho hyɛ adesua no mu, nea etwa to, fa nea wobɛte no yɛ adwuma.
6 Siesie Wo Ho: Asafo nhyiam biara a wobɛkɔ no, gye bere siesie wo ho ansa na woakɔ. Nanso sukuu adesua, adwuma, anaa anigyede betumi agye bere a anka wode besiesie wo ho no nyinaa, enti hwɛ na saa nneɛma yi annye wo bere. Sɛ wuyi bere pɔtee bi si hɔ a wode besua ade a, ɛbɛboa wo. Ade a edi kan a wubetumi ayɛ ne sɛ wubedi dapɛn dapɛn Teokrase Ɔsom Sukuu Bible akenkan nhyehyɛe no akyi. Sɛ woyɛ sɛ wobɛkenkan ti ahorow no bi da biara adwinnwen ho a, ɛrennye wo bere ahe biara. Gye bere fa siesie wo ho ansa na woakɔ Asafo Bible Adesua ne Ɔwɛn-Aban Adesua. Ebinom siesie wɔn ho da koro anaa nnanu ansa na adesua da no adu. Ɔsom Nhyiam a mobɛyɛ wɔ nnawɔtwe no mu nso, bɔ mmɔden sua.
7 Fa Wo Ho Hyem: Bible ka sɛ bere a Yesu dii mfe 12 no, wokohuu no sɛ ɔte asɔrefie hɔ retie mpanyimfo no na ɔrebisabisa wɔn nsɛm. Ná wɔn nso bisa no nsɛm ma ɔma ho mmuae. (Luka 2:46, 47) Yebetumi aka sɛ, ɔde ne ho hyɛɛ nkɔmmɔbɔ no mu. Sɛ wobɔ mmɔden de wo ho hyɛ nhyiam ahorow no mu a, wubenya so mfaso kɛse.—Mmeb. 15:23.
8 Sɛ wokɔ asafo nhyiam a, ɛsɛ sɛ wode w’adwene nyinaa si dwumadi no so. Ɛtɔ da a, sɛ obi rekasa na woretie a ɛyɛ den paa. Dɛn ntia? Sɛ obi rekasa a, ɛnyɛ den koraa sɛ w’adwene bekyinkyin. Enti dɛn na wobɛyɛ na w’adwene ankyinkyin? Yɛ kyerɛwtohɔ; kyerɛw nsɛntitiriw a akyiri yi wubetumi asusuw ho to hɔ. Sɛ woyɛ kyerɛwtohɔ a, ebetumi ama wode w’adwene asi dwumadi no so. Afei nso, kyerɛw nsɛm biara a ɔkasafo no bɛka sɛ wɔnkenkan no, bue wo Bible na di akenkan no akyi.
9 Bio nso, sɛ adesua no yɛ nsɛmmisa ne mmuae a, fa yɛ wo botae sɛ wobɛma mmuae. Sɛ wudi kan susuw mmuae a wopɛ sɛ woma no ho yiye a, ɛbɛboa wo paa. Mmebusɛm 15:28 ka sɛ: “Ɔtreneeni koma dwen ansa na ama mmuae.”
10 Fa Nea Wusua no Di Dwuma: Nea etwa to koraa ne sɛ wobɛhwɛ ahu sɛ wode nea wusua no ‘bɛyɛ adwuma.’ (1 Tes. 2:13) Sɛ wode nneɛma pa a wusua wɔ nhyiam biara ase di dwuma a, ɛbɛma woabɛn Yehowa Nyankopɔn kɛse. Sɛ ‘wokɔ so nantew nokware no mu,’ na wode nea wusua no yɛ adwuma a, ɛbɛma woahu sɛ Yehowa wɔ hɔ ankasa, na w’ani begye na wubenya abotɔyam.—3 Yoh. 4.
11 Mmerante ne mmabaa, bere nyinaa sɛ musiesie mo ho ansa na moakɔ asafo nhyiam, mode mo ho hyem, na mode nea musua no yɛ adwuma a, mo ani begye nhyiam no ho kɛse, na mubenya so mfaso pii. Mo gyidi mu bɛyɛ den, na ɛbɛma moakɔ so adi mo soro Agya, Yehowa, nokware daa.—Dw. 145:18.