Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma September ne October: Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma. November ne December: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? anaa nkratawa a ɛdidi so yi mu baako: Wohwɛ a, Bible Yɛ Nhoma Bɛn? (T-30), Wohwɛ a, Dɛn na Ebesi Daakye? (T-31), Dɛn na Ɛde Anigye Ba Abusua Mu? (T-32), Hena Paa na Odi Wiase Yi So? (T-33), Enti Amanehunu To Betwa Da Bi? (T-34).
◼ Wɔbɛma afe 2015 Nkaedi bere mu baguam ɔkasa titiriw no dapɛn a ɛfi ase April 6. Yɛbɛma moate ɔkasa no asɛmti akyiri yi. Asafo ahorow a ɔmansin sohwɛfo bɛba abɛsra wɔn, anaasɛ wɔbɛyɛ ɔmansin nhyiam saa dapɛn no awiei no bɛma ɔkasa titiriw no dapɛn a edi hɔ no. Ɛnsɛ sɛ asafo biara ma ɔkasa titiriw no ansa na April 6 adu.
◼ Ɛfi September rekɔ no, amansin so ahwɛfo bɛma ɔkasa a asɛmti no ne “Sɛnea Yɛnya Onyankopɔn Nyansa So Mfaso.”
◼ Ɔsom Nhyiam a ɛtwa to a mobɛyɛ ansa na moakɔ mo ɔmantam nhyiam no, monyɛ mu nsakrae na momfa bere no bi nsusuw nhyiam no nkaebɔ ahorow ho. Ɛwɔ krataa a ɛhyɛ April 2014 Yɛn Ahenni Som no mu. Momfa krataa a wɔkyerɛw no August 3, 2013, kɔmaa asafo ahorow nyinaa mu nsɛm nso nka ho. N’asɛmti ne “Ahwɛyiye a yɛbɛyɛ bere a yɛakɔ Kristofo nhyiam ase.” Sɛ mokɔ mo nhyiam ba a, bosome baako anaa mmienu akyi no, mobɛtumi de asafo mu ahiade bere no ayɛ nhyiam dwumadi no mu ntĩmu. Ma adawurubɔfo nka nhyiam no mu nsɛm a wɔahu sɛ aboa wɔn wɔ asɛnka mu no ho asɛm.