Nkaebɔ Ahorow
◼ Nwoma a yɛde bɛma November ne December: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? anaa nkratawa a ɛdidi so yi mu biara: Wohwɛ a, Bible Yɛ Nhoma Bɛn? (T-30), Wohwɛ a, Dɛn na Ebesi Daakye? (T-31), Dɛn na Ɛde Anigye Ba Abusua Mu? (T-32), Hena Paa na Odi Wiase Yi So? (T-33), Enti Amanehunu To Betwa Da Bi? (T-34), Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni? (T-36). January ne February: Asɛmpa a Efi Onyankopɔn Hɔ!, Tie Onyankopɔn, anaa Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa.
◼ Aka nnawɔtwe ama moakɔ ɔmantam nhyiam no, monyɛ ɔsom nhyiam no mu nsakrae. Momfa bere no bi nhwɛ “Nhyiam Nkaebɔ” video no, na monsusu emu afotusɛm ho. Momfa krataa a n’asɛmti ne “Ahwɛyiye a yɛbɛyɛ bere a yɛakɔ Kristofo nhyiam ase” a wɔkyerɛw no August 3, 2013 kɔmaa asafo ahorow no mu nsɛm nka ho. Sɛ mokɔ mo nhyiam wie a, bosome baako anaa mmienu akyi no, mobɛtumi de asafo mu ahiade bere no ayɛ ntĩmu ma adawurubɔfo aka nhyiam no mu nsɛm pɔtee a aboa wɔn wɔ asɛnka mu.